< 2 Mose 23 >

1 “Monkeka nkontomposɛm. Mo ne ɔbɔnefo nni nsawɔso, na moanni adansekurum.
“You must not spread stories that are lies. You must not help bad people by giving evidence that's malicious.
2 “Mommfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ moredi adanse a, monnhwɛ nnipa bi dodow so nni mmoa wɔn,
Don't follow the crowd in doing wrong. When you give evidence in a lawsuit, don't corrupt justice by siding with the majority.
3 na munni adanse mmoa ohiani wɔ asennibea.
Don't show favoritism to poor people in their legal cases either.
4 “Sɛ muhu mo tamfo nantwi anaa nʼafurum a wayera a, monkyere no nkɔma ne wura no.
If you come across your enemy's ox or donkey that has wandered off, take it back it to him.
5 Sɛ mokɔto sɛ mo tamfo bi repagyaw nʼafurum agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, monntwa ne ho nkɔ, mmom mommoa no.
If you see the donkey of someone who hates you that has fallen under its load, don't just leave it there. You must stop and help.
6 “Mommfa atɛntrenee nkame ahiafo wɔ asennibea.
You must not prevent the poor from getting justice in their lawsuits.
7 Mommfa asɛm a munhui nto obi a odi bem anaa ɔnokwafo so mma wonkum no, efisɛ merennyaa ɔfɔdifo.
Don't have anything to do with making false accusations. Don't kill the innocent or those who do right, for I won't let the guilty go unpunished.
8 “Munnye adanmude na adanmudegye fura onipa ani. Adanmudegye ma nea nʼasɛm yɛ dɛ no asɛm sɛe.
Don't accept bribes, for a bribe blinds those who can see, and undermines the evidence of the honest.
9 “Monnhyɛ ɔnanani so; mo ankasa munim sɛnea ɔnananiyɛ te, efisɛ na moyɛ ananafo wɔ Misraim.
Don't abuse foreigners living among you, since you know very well what it's like to be foreigners, for you were once foreigners in Egypt.
10 “Munnua na muntwa no nnɔbae ntoatoa so saa ara nkosi mfe asia,
Six years you are to sow your land and harvest crops,
11 nanso afe a ɛto so ason so de, momma asase no nna hɔ kwa mma ahiafo ntwa nnɔbae biara a ebenyin wɔ so no; nkae no, munnyaw mma mmoa nwe. Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne wo ngonnua turo nso.
but in the seventh year you are to let it rest and leave it uncultivated, so that poor people may eat what grows naturally from the field and the wild animals can finish what's left. Follow the same procedure for your vineyards and olive groves.
12 “Nnansia na momfa nyɛ adwuma na monhome ne nnanson so. Eyi bɛma mo anantwi, mo mfurum, mo fifo, mo asomfo ne mo ahɔho nso ahome.
You have six days to do your work, but on the seventh day you must stop working, so that your ox and your donkey can rest, and your slaves' families can catch their breath, as well as the foreigners living among you.
13 “Munni asɛm biara a maka no so. Monnkankye mmɔ onyame foforo biara din; momma wɔnnte bi mmfi mo ano.”
Make sure to pay attention to everything I've told you. Don't think to call on the names of other gods—you must not even mention them.
14 “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me anuonyam.
Three times every year you are to celebrate a feast dedicated to me.
15 “Nea edi kan no, munni Apiti Afahyɛ no. Sɛ edu so a, munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson, sɛnea mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔsram Abib mu, ɔsram a mode tu fii Misraim no mu. “Edu saa bere no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔde.
You are to observe the Festival of Unleavened Bread as I instructed you. You are to eat bread without yeast for seven days at the appropriate time in the month of Abib, because that was the month you left Egypt. No one can come before me without bringing an offering.
16 “Ɛno akyi no, Otwabere Afahyɛ na edi so. Saa afahyɛ yi du so a, momfa mo aduankan mmrɛ me. “Nea etwa to yɛ nnɔbae anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wodi no otwa bere no akyi.
You are also to observe the Festival of Harvest when you present the firstfruits of the produce from what you've sown in the fields. Lastly you are to observe the Festival of Gathering-In the Harvest at the end of the year, when you gather in the harvest of the rest of your crops from the field.
17 “Afahyɛ ahorow abiɛsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Nyankopɔn anim.
Every Israelite male is to come before the Lord God at these three times every year.
18 “Mommfa biribiara a mmɔkaw wɔ mu mmɔ mogya afɔre mma me. “Saa ara na ɛnsɛ sɛ mʼafahyɛ afɔrebɔde mu srade no tena hɔ ma ade kye so.
You must not offer the blood of my sacrifices together with anything that contains yeast, and the fat from the offerings presented at my festival must not be left until morning.
19 “Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi. “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.
Bring the best firstfruits of your crops to the house of the Lord your God. Don't cook a young goat in its mother's milk.
20 “Meresoma ɔbɔfo na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.
Look, I'm sending an angel ahead of you to protect you on the way and to take you to the place I've prepared for you.
21 Momfa nidi mma no na munni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, efisɛ ɔremfa mo amumɔyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ me nsiananmu, na me din na ɛda ne so.
Make sure you pay attention to him and do what he says. Don't oppose him, because he won't forgive rebellion, for he carries my authority.
22 Na sɛ motɔ mo bo ase, na mutie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfo atia mo atamfo.
However, if you listen to him carefully, and do everything that I tell you, then I will be an enemy to your enemies and I will fight those who fight against you.
23 Me bɔfo bedi mo anim de mo aba Amorifo, Hetifo, Perisifo, Kanaanfo, Hewifo ne Yebusifo asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim.
For my angel will go ahead of you and take you into the land of the Amorites, Hittites, Perizzites, Canaanites, Hivites, and Jebusites, and I will wipe them out.
24 Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔre mma wɔn da biara da. Munnni saa abosonsomfo yi akyi. Munni wɔn so na mummubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasede no ngu.
You must not bow down to their gods or worship them or follow their pagan practices. No, you must demolish their idols and smash their sacred pillars into pieces.
25 Mo Awurade, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so.
You are to worship the Lord your God, and he will bless your food and water. I will make sure none of you fall sick.
26 Ɔpɔn anaa abonin remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.
No woman will have a miscarriage or be without children. I will make sure you live long lives.
27 “Awurade ho hu bɛka aman a mubedi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔaguan wɔ mo anim.
I will send terror about me ahead of you which will throw every nation you meet into panic. I will make all your enemies turn and run away.
28 Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifo, Kanaanfo ne Hetifo afi mo anim.
I will send hornets ahead of you to drive out before you the Hivites and Canaanites and Hittites.
29 Merenyɛ eyinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annan sare amma nkekaboa ammu amfa mo so.
I will not drive them out in just one year, because the land would become desolate and you would have to deal with increased numbers of wild animals.
30 Mɛpam wɔn nkakrankakra kosi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.
Bit by bit I will drive them out ahead of you, until there are enough of you to take possession of the land.
31 “Mɛto mo ahye afi Po Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo mpoano, na mede afi sare a ɛwɔ anafo fam no so akosi Asu Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afi mo anim.
I will fix your borders from the Red Sea to the Sea of the Philistines, and from the desert to the Euphrates River. I will hand the inhabitants of the land over to you, and you will drive them out.
32 Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara.
You must not make any agreement with them or with their gods.
33 Mommma wɔmmɛtena mo mu, anyɛ saa a wɔbɛma mo ayɛ bɔne atia me; esiane sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn abosonsom no som bɛyɛ afiri a ebeyi mo.”
They must not be allowed to stay in your land, otherwise they will lead you to sin against me. For if you worship their gods, they will definitely become a trap for you.”

< 2 Mose 23 >