< Ɔsɛnkafo 4 >

1 Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase: Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusu na wonni ɔwerɛkyekyefo biara; tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsam na wonni ɔwerɛkyekyefo biara.
Then I returned and saw all the oppressions that are done under the sun: and look, the tears of those who were oppressed, and they had no comforter; and on the side of their oppressors there was power; but they had no comforter.
2 Na mekae se: Awufo a wɔawuwu dedaw no, ani gye sen ateasefo; wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.
Therefore I praised the dead who have been long dead more than the living who are yet alive.
3 Na nea oye sen baanu yi ne nea onnya mmae, nea onnya nhuu bɔne a wɔyɛ wɔ owia yi ase.
Yes, better than them both is him who has not yet been, who has not seen the evil work that is done under the sun.
4 Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.
Then I saw all the labor and achievement that is the envy of a man's neighbor. This also is vanity and a striving after wind.
5 Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne ho na ɔsɛe ne ho.
The fool folds his hands together and ruins himself.
6 Nsammua baako a asomdwoe wɔ mu ye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho; ɛte sɛ nea wotaa mframa.
Better is a handful, with quietness, than two handfuls with labor and chasing after wind.
7 Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:
Then I returned and saw vanity under the sun.
8 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; onni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawie da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no, na adɛn nti na mede anigye kame me kra?” Eyi nso yɛ ahuhude, ɛyɛ ɔhaw kwa.
There is one who is alone, and he has neither son nor brother. There is no end to all of his labor, neither are his eyes satisfied with wealth. For whom then, do I labor, and deprive my soul of enjoyment? This also is vanity, yes, it is a miserable business.
9 Baanu ye sen ɔbaakofo, efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:
Two are better than one, because they have a good reward for their labor.
10 Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko betumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.
For if they fall, the one will lift up his fellow; but woe to him who is alone when he falls, and doesn't have another to lift him up.
11 Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew. Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?
Again, if two lie together, then they have warmth; but how can one keep warm alone?
12 Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.
If a man prevails against one who is alone, two shall withstand him; and a threefold cord is not quickly broken.
13 Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio.
Better is a poor and wise youth than an old and foolish king who doesn't know how to receive admonition any more.
14 Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu.
For out of prison he came forth to be king; yes, even in his kingdom he was born poor.
15 Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no.
I saw all the living who walk under the sun, that they were with the youth, the other, who succeeded him.
16 Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.
There was no end of all the people, even of all them over whom he was—yet those who come after shall not rejoice in him. Surely this also is vanity and a chasing after wind.

< Ɔsɛnkafo 4 >