< Ɔsɛnkafo 1 >

1 Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:
在耶路撒冷作王、大衛的兒子、傳道者的言語。
2 “Ahuhude! Ahuhude!” Ɔsɛnkafo no na ose. “Ahuhude mu ahuhude Biribiara yɛ ahuhude.”
傳道者說:虛空的虛空, 虛空的虛空,凡事都是虛空。
3 Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu, nea okum ne ho yɛ no owia so no?
人一切的勞碌, 就是他在日光之下的勞碌,有甚麼益處呢?
4 Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
一代過去,一代又來, 地卻永遠長存。
5 Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.
日頭出來,日頭落下, 急歸所出之地。
6 Mframa bɔ kɔ anafo fam na ɛdan hwɛ atifi fam; ekyinkyin kɔ baabiara, na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
風往南颳,又向北轉, 不住地旋轉,而且返回轉行原道。
7 Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu, nanso po nyɛ ma da. Faako a nsubɔnten no fi no hɔ na wɔsan kɔ bio.
江河都往海裏流,海卻不滿; 江河從何處流,仍歸還何處。
8 Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro nea obi bɛka so. Ani nhwɛ ade nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.
萬事令人厭煩, 人不能說盡。 眼看,看不飽; 耳聽,聽不足。
9 Nea aba no bɛba bio, nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; ade foforo biara nni owia yi ase.
已有的事後必再有; 已行的事後必再行。 日光之下並無新事。
10 Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
豈有一件事人能指着說這是新的? 哪知,在我們以前的世代早已有了。
11 Wɔnkae tetefo no, na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso, wɔn a wobedi wɔn akyi no renkae wɔn.
已過的世代,無人記念; 將來的世代,後來的人也不記念。
12 Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
我傳道者在耶路撒冷作過以色列的王。
13 Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so!
我專心用智慧尋求、查究天下所做的一切事,乃知上帝叫世人所經練的是極重的勞苦。
14 Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
我見日光之下所做的一切事,都是虛空,都是捕風。
15 Nea akyea no wontumi nteɛ; na nea enni hɔ no wontumi nkan.
彎曲的,不能變直; 缺少的,不能足數。
16 Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.”
我心裏議論說:我得了大智慧,勝過我以前在耶路撒冷的眾人,而且我心中多經歷智慧和知識的事。
17 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
我又專心察明智慧、狂妄,和愚昧,乃知這也是捕風。
18 Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba; nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.
因為多有智慧,就多有愁煩; 加增知識的,就加增憂傷。

< Ɔsɛnkafo 1 >