< 5 Mose 6 >

1 Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so,
These are the commandments and rules and regulations that the Lord your God has ordered me to teach you to follow in the country that you're going to enter and occupy.
2 sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro Awurade, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware.
This is so you and your children and grandchildren will show respect to the Lord your God throughout your lives by keeping all his rules and regulations that I give you, and so that you may have a long life.
3 Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
Listen, people of Israel, and be careful to observe them, so that you may do well and have many descendants in a land flowing with milk and honey, just as the Lord, the God of your forefathers, promised you.
4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro.
Listen, people of Israel, The Lord our God, the Lord is the only one.
5 Dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.
You shall love the Lord your God with all your mind and with all your being and with all your strength.
6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu.
The commands I'm giving you today must stay in your minds.
7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm.
You are to explain them carefully to your children and talk about them when you're at home and when you're traveling, when you lie down and when you get up.
8 Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri.
Tie them on your hands as reminders and put them on your foreheads as well.
9 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.
Write them on the doorposts of your homes and on your gates.
10 Awurade mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so,
The Lord your God is going to take you into the country he promised to give you and your forefathers, Abraham, Isaac, and Jacob. It's a country with large, prosperous towns that you didn't build,
11 afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a,
with houses full of plenty of good things that you didn't provide, that have wells you didn't dig, and vineyards and olive groves that you did not plant. When you eat and are full
12 monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no.
make sure you don't forget the Lord who led you out of Egypt, out of the prison-house of slavery.
13 Ɛsɛ sɛ musuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.
Respect the Lord your God only worship him, and only make promises in his name.
14 Munnni anyame foforo akyi; anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no anyame no;
Don't worship any other gods, the gods of the peoples around you,
15 na Awurade mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkufo a nʼabufuw no bɛhyew mo, na ɔbɛsɛe mo afi asase no so.
because the Lord your God, who lives among you, is an exclusive God, and Lord your God will become angry with you, and he will wipe you out.
16 Monnsɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nhwɛ sɛnea moyɛe bere a na mowɔ Masa no.
Don't test the Lord your God like you did at Massah.
17 Ɛsɛ sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde ne nea ɛwɔ mmara a ɔde ama mo no mu no so pɛpɛɛpɛ.
You must be careful to keep the commandments of the Lord your God and the laws and rules he's given you.
18 Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no,
Do what's good and right in the Lord's sight so that it will go well for you and that you may enter and take over the good land that the Lord your God promised to give your forefathers,
19 na moapam atamfo a wɔwɔ mo anim no nyinaa sɛnea Awurade kae no.
He will drive out all your enemies ahead of you, just as he said.
20 Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, “Saa mmara ne nʼahyɛde a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?”
In the future, when your children come and ask you, “What's the point of decrees and rules and regulations that the Lord our God ordered you to follow?”
21 a monka nkyerɛ wɔn se, “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso Awurade nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim.
then you are to tell them, “Once we were slaves of Pharaoh in Egypt, but the Lord by his power led us out of Egypt.
22 Yɛn ani tua Awurade nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa.
Before our very eyes the Lord brought down incredible and terrifying signs and miracles on Egypt, on Pharaoh, and on all his people.
23 Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn.
But he led us out of there to take us here, giving us this country that he had promised to our forefathers.
24 Na Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi.
The Lord ordered us to keep all these laws and to respect the Lord our God, so that we would always be safe and well, as we are today
25 Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee.”
And if we carefully observe each of these commandments as we live in the presence of the Lord, as he instructed us, then we will be right with him.”

< 5 Mose 6 >