< Amos 8 >

1 Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu. 2 Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?” Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.” Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.” 3 Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!” 4 Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so, 5 na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo, 6 na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn. 7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da. 8 “Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil ebubu afa so, na asan atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.” 9 Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, na mama sum aduru asase so awia ketee. 10 Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen. 11 “Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho kɔm. 12 Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so, na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhu. 13 “Na saa da no “mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti. 14 Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”

< Amos 8 >