< Asomafo 4 >

1 Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn.
و چون ایشان با قوم سخن می‌گفتند، کهنه وسردار سپاه هیکل و صدوقیان بر سر ایشان تاختند،۱
2 Wɔn bo fuw yiye, efisɛ na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu.
چونکه مضطرب بودند از اینکه ایشان قوم را تعلیم می‌دادند و در عیسی به قیامت ازمردگان اعلام می‌نمودند.۲
3 Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee.
پس دست بر ایشان انداخته، تا فردا محبوس نمودند زیرا که آن، وقت عصر بود.۳
4 Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpem anum gyee asɛm no dii.
اما بسیاری از آنانی که کلام را شنیدند ایمان آوردند و عدد ایشان قریب به پنج هزاررسید.۴
5 Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem.
بامدادان روسا و مشایخ و کاتبان ایشان دراورشلیم فراهم آمدند،۵
6 Wohyiaa Ɔsɔfopanyin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi Ɔsɔfopanyin no abusua mu.
با حنای رئیس کهنه وقیافا و یوحنا و اسکندر و همه کسانی که از قبیله رئیس کهنه بودند.۶
7 Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”
و ایشان را در میان بداشتند واز ایشان پرسیدند که «شما به کدام قوت و به چه نام این کار را کرده‌اید؟»۷
8 Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw.
آنگاه پطرس ازروح‌القدس پر شده، بدیشان گفت: «ای روسای قوم و مشایخ اسرائیل،۸
9 Sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne ho tɔɔ no no a,
اگر امروز از ما بازپرس می‌شود درباره احسانی که بدین مرد ضعیف شده، یعنی به چه سبب او صحت یافته است،۹
10 ɛno de ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asennua mu na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.”
جمیع شما و تمام قوم اسرائیل را معلوم باد که به نام عیسی مسیح ناصری که شما مصلوب کردید و خدا او را از مردگان برخیزانید، در او این کس به حضور شما تندرست ایستاده است.۱۰
11 Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se, “‘Ɔbo a mo adansifo poe no na abɛyɛ tweatibo.’
این است آن سنگی که شما معماران آن را رد کردید والحال سر زاویه شده است.۱۱
12 Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”
و در هیچ‌کس غیراز او نجات نیست زیرا که اسمی دیگر زیر آسمان به مردم عطانشده که بدان باید ما نجات یابیم.»۱۲
13 Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee.
پس چون دلیری پطرس و یوحنا را دیدندو دانستند که مردم بی‌علم و امی هستند، تعجب کردند و ایشان را شناختند که از همراهان عیسی بودند.۱۳
14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ wohuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ.
و چون آن شخص را که شفا یافته بود باایشان ایستاده دیدند، نتوانستند به ضد ایشان چیزی گویند.۱۴
15 Wɔma wofii asennii hɔ ma wodwinnwen asɛm no ho.
پس حکم کردند که ایشان ازمجلس بیرون روند و با یکدیگر مشورت کرده، گفتند۱۵
16 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo.
که «با این دو شخص چه کنیم؟ زیرا که برجمیع سکنه اورشلیم واضح شد که معجزه‌ای آشکار از ایشان صادر گردید و نمی توانیم انکار کرد.۱۶
17 Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”
لیکن تا بیشتر در میان قوم شیوع نیابد، ایشان را سخت تهدید کنیم که دیگر با هیچ‌کس این اسم را به زبان نیاورند.»۱۷
18 Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.
پس ایشان راخواسته قدغن کردند که هرگز نام عیسی را بر زبان نیاورند و تعلیم ندهند.۱۸
19 Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa.
اما پطرس و یوحنا درجواب ایشان گفتند: «اگر نزد خدا صواب است که اطاعت شما را بر اطاعت خدا ترجیح دهیم حکم کنید.۱۹
20 Nea yɛahu ne nea yɛate de, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”
زیرا که ما را امکان آن نیست که آنچه دیده و شنیده‌ایم، نگوییم.»۲۰
21 Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho.
و چون ایشان رازیاد تهدید نموده بودند، آزاد ساختند چونکه راهی نیافتند که ایشان را معذب سازند به‌سبب قوم زیرا همه به واسطه آن ماجرا خدا را تمجیدمی نمودند،۲۱
22 Na ɔbarima a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan.
زیرا آن شخص که معجزه شفا دراو پدید گشت، بیشتر از چهل ساله بود.۲۲
23 Wogyaa Petro ne Yohane pɛ na wɔkɔɔ agyidifo a wɔaka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no kae no kyerɛɛ wɔn.
و چون رهایی یافتند، نزد رفقای خودرفتند و ایشان را از آنچه روسای کهنه و مشایخ بدیشان گفته بودند، مطلع ساختند.۲۳
24 Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu,
چون این راشنیدند، آواز خود را به یکدل به خدا بلند کرده، گفتند: «خداوندا، تو آن خدا هستی که آسمان وزمین و دریا و آنچه در آنها است آفریدی،۲۴
25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se, “Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho, na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?
که بوسیله روح‌القدس به زبان پدر ما و بنده خودداود گفتی “چرا امت‌ها هنگامه می‌کنند و قومها به باطل می‌اندیشند؛۲۵
26 Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfo bɔ mu tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.
سلاطین زمین برخاستند وحکام با هم مشورت کردند، برخلاف خداوند وبرخلاف مسیحش.”۲۶
27 Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufo ne Israelfo hyiaa wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a woatew ne ho no.
زیرا که فی الواقع بر بنده قدوس تو عیسی که او را مسح کردی، هیرودیس و پنطیوس پیلاطس با امت‌ها و قومهای اسرائیل با هم جمع شدند،۲۷
28 Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no.
تا آنچه را که دست و رای تو از قبل مقدر فرموده بود، به‌جا آورند.۲۸
29 Afei Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi.
و الان ای خداوند، به تهدیدات ایشان نظر کن و غلامان خود را عطا فرما تا به دلیری تمام به کلام تو سخن گویند،۲۹
30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.”
به دراز کردن دست خود، بجهت شفادادن و جاری کردن آیات و معجزات به نام بنده قدوس خود عیسی.»۳۰
31 Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.
و چون ایشان دعا کرده بودند، مکانی که درآن جمع بودند به حرکت آمد و همه به روح‌القدس پر شده، کلام خدا را به دلیری می‌گفتند.۳۱
32 Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae.
و جمله مومنین را یک دل و یک جان بود، بحدی که هیچ‌کس چیزی از اموال خودرا از آن خود نمی دانست، بلکه همه‌چیز رامشترک می‌داشتند.۳۲
33 Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.
و رسولان به قوت عظیم به قیامت عیسی خداوند شهادت می‌دادند و فیضی عظیم برهمگی ایشان بود.۳۳
34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no
زیرا هیچ‌کس از آن گروه محتاج نبود زیرا هر‌که صاحب زمین یا خانه بود، آنها را فروختند و قیمت مبیعات را آورده،۳۴
35 brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara.
به قدمهای رسولان می‌نهادند و به هر یک بقدراحتیاجش تقسیم می‌نمودند.۳۵
36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no,
و یوسف که رسولان او را برنابا یعنی ابن الوعظ لقب دادند، مردی از سبط لاوی و از طایفه قپرسی،۳۶
37 tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.
زمینی را که داشت فروخته، قیمت آن را آورد و پیش قدمهای رسولان گذارد.۳۷

< Asomafo 4 >