< 2 Samuel 10 >

1 Akyiri no, Amonfo hene Nahas wui. Ne babarima Hanun na odii nʼade sɛ ɔhene. 2 Dawid kae se, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔe, sɛnea nʼagya yɛɛ me adɔe no.” Nʼagya wu nti, Dawid tuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Bere a Dawid abɔfo baa Amonfo asase so no, 3 Amonfo atitiriw no kobisaa wɔn wura Hanun se, “Wugye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfo baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ nidi ampa ara ana? Wunnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabetu agu?” 4 Ɛno nti, Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii obiara abogyesɛ fa, twitwaa wɔn ntade to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wogyaa wɔn kwan, ma wɔde animguase kɔe. 5 Bere a wɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, otuu abɔfo ma wokohyiaa mmarima no, efisɛ woguu wɔn anim ase yiye. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Montena Yeriko kosi sɛ mo abogyesɛ befuw ansa na moasan aba.” 6 Bere a Amonfo huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw no, wɔkɔbɔɔ Aramfo asraafo mpem aduonu paa fii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem fii ne nkyɛn, na Tob nso wonyaa mmarima mpem dumien. 7 Dawid tee saa no, ɔkaa Yoab ne akofo asraafo guu mu. 8 Amonfo no gyinaa wɔn kurow pon ano. Saa bere no na Aramfo a wofi Soba ne Rehob ne mmarima a wofi Tob ne Maaka no wɔ mfikyiri baabiara retwɛn ɔtamfo no. 9 Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ. 10 Ogyaw asraafo no nkae hɔ, de wɔn hyɛɛ ne nuabarima Abisai nsa sɛ ɔsafohene a ɔbɛkɔ akotua Amonfo no. 11 Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfo no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12 Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.” 13 Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 14 Na Amonfo no huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fii Abisai ho kɔhyɛɛ kurow no mu. Ɔko no gui no, Yoab san kɔɔ Yerusalem. 15 Afei, Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo. Enti wɔboaa wɔn ho ano bio. 16 Aram asraafo foforo bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn fii Asubɔnten Eufrate fa nohɔ bae. Saa asraafo no beduu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a otua Hadadeser asraafo nyinaa ano nso. 17 Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so. 18 Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19 Bere a ahemfo a wɔhyɛ Hadadeser ase no huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfo nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo suroo sɛ wɔbɛboa Amonfo.

< 2 Samuel 10 >