< 2 Ahemfo 11 >

1 Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no.
וַֽעֲתַלְיָה֙ אֵ֣ם אֲחַזְיָ֔הוּ וראתה כִּ֣י מֵ֣ת בְּנָ֑הּ וַתָּ֙קָם֙ וַתְּאַבֵּ֔ד אֵ֖ת כָּל־זֶ֥רַע הַמַּמְלָכָֽה׃
2 Nanso Ahasia nuabea Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no.
וַתִּקַּ֣ח יְהוֹשֶׁ֣בַע בַּת־הַמֶּֽלֶךְ־י֠וֹרָם אֲח֨וֹת אֲחַזְיָ֜הוּ אֶת־יוֹאָ֣שׁ בֶּן־אֲחַזְיָ֗ה וַתִּגְנֹ֤ב אֹתוֹ֙ מִתּ֤וֹךְ בְּנֵֽי־הַמֶּ֙לֶךְ֙ הממותתים אֹת֥וֹ וְאֶת־מֵינִקְתּ֖וֹ בַּחֲדַ֣ר הַמִּטּ֑וֹת וַיַּסְתִּ֧רוּ אֹת֛וֹ מִפְּנֵ֥י עֲתַלְיָ֖הוּ וְלֹ֥א הוּמָֽת׃
3 Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.
וַיְהִ֤י אִתָּהּ֙ בֵּ֣ית יְהוָ֔ה מִתְחַבֵּ֖א שֵׁ֣שׁ שָׁנִ֑ים וַעֲתַלְיָ֖ה מֹלֶ֥כֶת עַל־הָאָֽרֶץ׃ פ
4 Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo asraafo apaafo ne awɛmfo baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.
וּבַשָּׁנָ֣ה הַ֠שְּׁבִיעִית שָׁלַ֨ח יְהוֹיָדָ֜ע וַיִּקַּ֣ח ׀ אֶת־שָׂרֵ֣י המאיות לַכָּרִי֙ וְלָ֣רָצִ֔ים וַיָּבֵ֥א אֹתָ֛ם אֵלָ֖יו בֵּ֣ית יְהוָ֑ה וַיִּכְרֹת֩ לָהֶ֨ם בְּרִ֜ית וַיַּשְׁבַּ֤ע אֹתָם֙ בְּבֵ֣ית יְהוָ֔ה וַיַּ֥רְא אֹתָ֖ם אֶת־בֶּן־הַמֶּֽלֶךְ׃
5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no.
וַיְצַוֵּ֣ם לֵאמֹ֔ר זֶ֥ה הַדָּבָ֖ר אֲשֶׁ֣ר תַּעֲשׂ֑וּן הַשְּׁלִשִׁ֤ית מִכֶּם֙ בָּאֵ֣י הַשַּׁבָּ֔ת וְשֹׁ֣מְרֵ֔י מִשְׁמֶ֖רֶת בֵּ֥ית הַמֶּֽלֶךְ׃
6 Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no.
וְהַשְּׁלִשִׁית֙ בְּשַׁ֣עַר ס֔וּר וְהַשְּׁלִשִׁ֥ית בַּשַּׁ֖עַר אַחַ֣ר הָרָצִ֑ים וּשְׁמַרְתֶּ֛ם אֶת־מִשְׁמֶ֥רֶת הַבַּ֖יִת מַסָּֽח׃
7 Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn Awurade asɔredan no ama ɔhene no.
וּשְׁתֵּ֤י הַיָּדוֹת֙ בָּכֶ֔ם כֹּ֖ל יֹצְאֵ֣י הַשַּׁבָּ֑ת וְשָֽׁמְר֛וּ אֶת־מִשְׁמֶ֥רֶת בֵּית־יְהוָ֖ה אֶל־הַמֶּֽלֶךְ׃
8 Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
וְהִקַּפְתֶּ֨ם עַל־הַמֶּ֜לֶךְ סָבִ֗יב אִ֚ישׁ וְכֵלָ֣יו בְּיָד֔וֹ וְהַבָּ֥א אֶל־הַשְּׂדֵר֖וֹת יוּמָ֑ת וִהְי֥וּ אֶת־הַמֶּ֖לֶךְ בְּצֵאת֥וֹ וּבְבֹאֽוֹ׃
9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim.
וַֽיַּעֲשׂ֞וּ שָׂרֵ֣י המאיות כְּכֹ֣ל אֲשֶׁר־צִוָּה֮ יְהוֹיָדָ֣ע הַכֹּהֵן֒ וַיִּקְחוּ֙ אִ֣ישׁ אֶת־אֲנָשָׁ֔יו בָּאֵ֣י הַשַּׁבָּ֔ת עִ֖ם יֹצְאֵ֣י הַשַּׁבָּ֑ת וַיָּבֹ֖אוּ אֶל־יְהוֹיָדָ֥ע הַכֹּהֵֽן׃
10 Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ Awurade asɔredan mu hɔ no.
וַיִּתֵּ֨ן הַכֹּהֵ֜ן לְשָׂרֵ֣י המאיות אֶֽת־הַחֲנִית֙ וְאֶת־הַשְּׁלָטִ֔ים אֲשֶׁ֖ר לַמֶּ֣לֶךְ דָּוִ֑ד אֲשֶׁ֖ר בְּבֵ֥ית יְהוָֽה׃
11 Awɛmfo no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiae a wokurakura wɔn akode. Wɔsaa so tee fii asɔredan no anafo fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔremuka no ho nyinaa.
וַיַּעַמְד֨וּ הָרָצִ֜ים אִ֣ישׁ ׀ וְכֵלָ֣יו בְּיָד֗וֹ מִכֶּ֨תֶף הַבַּ֤יִת הַיְמָנִית֙ עַד־כֶּ֤תֶף הַבַּ֙יִת֙ הַשְּׂמָאלִ֔ית לַמִּזְבֵּ֖חַ וְלַבָּ֑יִת עַל־הַמֶּ֖לֶךְ סָבִֽיב׃
12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
וַיּוֹצִ֣א אֶת־בֶּן־ הַמֶּ֗לֶךְ וַיִּתֵּ֤ן עָלָיו֙ אֶת־הַנֵּ֙זֶר֙ וְאֶת־הָ֣עֵד֔וּת וַיַּמְלִ֥כוּ אֹת֖וֹ וַיִּמְשָׁחֻ֑הוּ וַיַּכּוּ־כָ֔ף וַיֹּאמְר֖וּ יְחִ֥י הַמֶּֽלֶךְ׃ ס
13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so.
וַתִּשְׁמַ֣ע עֲתַלְיָ֔ה אֶת־ק֥וֹל הָֽרָצִ֖ין הָעָ֑ם וַתָּבֹ֥א אֶל־הָעָ֖ם בֵּ֥ית יְהוָֽה׃
14 Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
וַתֵּ֡רֶא וְהִנֵּ֣ה הַמֶּלֶךְ֩ עֹמֵ֨ד עַֽל־הָעַמּ֜וּד כַּמִּשְׁפָּ֗ט וְהַשָּׂרִ֤ים וְהַחֲצֹֽצְרוֹת֙ אֶל־הַמֶּ֔לֶךְ וְכָל־עַ֤ם הָאָ֙רֶץ֙ שָׂמֵ֔חַ וְתֹקֵ֖עַ בַּחֲצֹֽצְר֑וֹת וַתִּקְרַ֤ע עֲתַלְיָה֙ אֶת־בְּגָדֶ֔יהָ וַתִּקְרָ֖א קֶ֥שֶׁר קָֽשֶׁר׃ ס
15 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.”
וַיְצַו֩ יְהוֹיָדָ֨ע הַכֹּהֵ֜ן אֶת־שָׂרֵ֥י המיאות ׀ פְּקֻדֵ֣י הַחַ֗יִל וַיֹּ֤אמֶר אֲלֵיהֶם֙ הוֹצִ֤יאוּ אֹתָהּ֙ אֶל־מִבֵּ֣ית לַשְּׂדֵרֹ֔ת וְהַבָּ֥א אַחֲרֶ֖יהָ הָמֵ֣ת בֶּחָ֑רֶב כִּ֚י אָמַ֣ר הַכֹּהֵ֔ן אַל־תּוּמַ֖ת בֵּ֥ית יְהוָֽה׃
16 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
וַיָּשִׂ֤מוּ לָהּ֙ יָדַ֔יִם וַתָּב֛וֹא דֶּֽרֶךְ־מְב֥וֹא הַסּוּסִ֖ים בֵּ֣ית הַמֶּ֑לֶךְ וַתּוּמַ֖ת שָֽׁם׃ ס
17 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. Ɔsan yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam.
וַיִּכְרֹ֨ת יְהוֹיָדָ֜ע אֶֽת־הַבְּרִ֗ית בֵּ֤ין יְהוָה֙ וּבֵ֤ין הַמֶּ֙לֶךְ֙ וּבֵ֣ין הָעָ֔ם לִהְי֥וֹת לְעָ֖ם לַֽיהוָ֑ה וּבֵ֥ין הַמֶּ֖לֶךְ וּבֵ֥ין הָעָֽם׃
18 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kobubu guu fam. Wobubuu afɔremuka ne ahoni ahorow no nyinaa asinasin, kum Baal kɔmfo Matan nso wɔ afɔremuka no anim. Ɔsɔfo Yehoiada maa awɛmfo wɛn Awurade asɔredan no.
וַיָּבֹ֣אוּ כָל־עַם֩ הָאָ֨רֶץ בֵּית־הַבַּ֜עַל וַֽיִּתְּצֻ֗הוּ אֶת־מזבחתו וְאֶת־צְלָמָיו֙ שִׁבְּר֣וּ הֵיטֵ֔ב וְאֵ֗ת מַתָּן֙ כֹּהֵ֣ן הַבַּ֔עַל הָרְג֖וּ לִפְנֵ֣י הַֽמִּזְבְּח֑וֹת וַיָּ֧שֶׂם הַכֹּהֵ֛ן פְּקֻדּ֖וֹת עַל־בֵּ֥ית יְהוָֽה׃
19 Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so.
וַיִּקַּ֣ח אֶת־שָׂרֵ֣י הַ֠מֵּאוֹת וְאֶת־הַכָּרִ֨י וְאֶת־הָרָצִ֜ים וְאֵ֣ת ׀ כָּל־עַ֣ם הָאָ֗רֶץ וַיֹּרִ֤ידוּ אֶת־הַמֶּ֙לֶךְ֙ מִבֵּ֣ית יְהוָ֔ה וַיָּב֛וֹאוּ דֶּֽרֶך־שַׁ֥עַר הָרָצִ֖ים בֵּ֣ית הַמֶּ֑לֶךְ וַיֵּ֖שֶׁב עַל־כִּסֵּ֥א הַמְּלָכִֽים׃
20 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kuropɔn no mu, efisɛ wɔakum Atalia wɔ ahemfi.
וַיִּשְׂמַ֥ח כָּל־עַם־ הָאָ֖רֶץ וְהָעִ֣יר שָׁקָ֑טָה וְאֶת־עֲתַלְיָ֛הוּ הֵמִ֥יתוּ בַחֶ֖רֶב בֵּ֥ית מלך׃ ס
21 Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason.
בֶּן־שֶׁ֥בַע שָׁנִ֖ים יְהוֹאָ֥שׁ בְּמָלְכֽוֹ׃ פ

< 2 Ahemfo 11 >