< 2 Beresosɛm 36 >

1 Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene wɔ Yerusalem.
Then the people of the land took Jehoahaz the son of Josiah, and they anointed him and made him king in his father's place in Jerusalem.
2 Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa pɛ.
Joahaz was twenty-three years old when he began to reign; and he reigned three months in Jerusalem.
3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so.
The king of Egypt deposed him at Jerusalem, and fined the land one hundred talents of silver and a talent of gold.
4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim.
The king of Egypt made Eliakim his brother king over Judah and Jerusalem, and changed his name to Jehoiakim. Neco took Joahaz his brother, and carried him to Egypt.
5 Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, ani so.
Jehoiakim was twenty-five years old when he began to reign; and he reigned eleven years in Jerusalem: and he did that which was evil in the sight of YHWH his God.
6 Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia.
Against him came up Nebuchadnezzar king of Babylon, and bound him in fetters, to carry him to Babylon.
7 Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi wɔ Babilonia.
Nebuchadnezzar also carried of the vessels of the house of YHWH to Babylon, and put them in his temple at Babylon.
8 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene.
Now the rest of the acts of Jehoiakim, and his abominations which he did, and that which was found in him, look, they are written in the book of the kings of Israel and Judah: and Jehoiachin his son reigned in his place.
9 Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
Jehoiachin was eighteen years old when he began to reign; and he reigned three months and ten days in Jerusalem: and he did that which was evil in the sight of YHWH.
10 Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem.
At the return of the year king Nebuchadnezzar sent, and brought him to Babylon, with the goodly vessels of the house of YHWH, and made Zedekiah his relative king over Judah and Jerusalem.
11 Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako.
Zedekiah was twenty-one years old when he began to reign; and he reigned eleven years in Jerusalem:
12 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim.
and he did that which was evil in the sight of YHWH his God; he did not humble himself before Jeremiah the prophet speaking from the mouth of YHWH.
13 Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho.
He also rebelled against king Nebuchadnezzar, who had made him swear by God: but he stiffened his neck, and hardened his heart against turning to YHWH, the God of Israel.
14 Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛe no bi, na woguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.
Moreover all the chiefs of the priests, and the people, trespassed very greatly after all the abominations of the nations; and they polluted the house of YHWH which he had made holy in Jerusalem.
15 Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no.
YHWH, the God of their fathers, sent to them by his messengers, rising up early and sending, because he had compassion on his people, and on his dwelling place:
16 Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii sɛ Awurade abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano.
but they mocked the messengers of God, and despised his words, and scoffed at his prophets, until the wrath of YHWH arose against his people, until there was no remedy.
17 Enti Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa.
Therefore he brought on them the king of the Chaldeans, who killed their young men with the sword in the house of their sanctuary, and had no compassion on young man or virgin, old man or gray-headed: he gave them all into his hand.
18 Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe.
All the vessels of God's house, great and small, and the treasures of the house of YHWH, and the treasures of the king, and of his officials, all these he brought to Babylon.
19 Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.
They burnt God's house, and broke down the wall of Jerusalem, and burnt all its palaces with fire, and destroyed all the goodly vessels of it.
20 Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii sɛ Persia ahenni bedii tumi.
He carried those who had escaped from the sword away to Babylon; and they were servants to him and his sons until the reign of the kingdom of Persia:
21 Enti Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no.
to fulfill the word of YHWH by the mouth of Jeremiah, until the land had enjoyed its Sabbaths. As long as it lay desolate it kept Sabbath, to fulfill seventy years.
22 Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, Awurade maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru wɔ nʼahenni nyinaa mu se,
Now in the first year of Koresh king of Persia, that the word of YHWH by the mouth of Jeremiah might be accomplished, YHWH stirred up the spirit of Koresh king of Persia, so that he made a proclamation throughout all his kingdom, and put it also in writing, saying,
23 “Sɛnea Persiahene Kores ka ni: “‘Awurade, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. Awurade, mo Nyankopɔn nka mo ho.’”
"Thus says Koresh king of Persia, 'YHWH, the God of heaven, has given all the kingdoms of the earth to me; and he has commanded me to build him a house in Jerusalem, which is in Judah. Whoever there is among you of all his people, YHWH his God be with him, and let him go up.'"

< 2 Beresosɛm 36 >