< 2 Beresosɛm 10 >

1 Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israel nyinaa ahyia hɔ sɛ wɔrebesi no hene. 2 Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. 3 Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4 Wɔkae se, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.” 5 Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe. 6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” 7 Mpanyimfo yi buae se, “Sɛ woyɛ nnipa no yiye, na woyɛ ayamye kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfo nokwafo.” 8 Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. 9 Obisaa wɔn se, “Mo nso mo adwene ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?” 10 Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ 11 Yiw, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me de, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.” 12 Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. 13 Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanyimfo no afotu, 14 na ɔfaa mmerante no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me de, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo!” 15 Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa Awurade nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. 16 Bere a Israel huu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Dawid ne nʼadedi ntoaso no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afi. Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fi.” Enti Israel nyinaa san kɔɔ fie. 17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene. 18 Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. 19 Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ.

< 2 Beresosɛm 10 >