< 1 Timoteo 5 >

1 Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabun,
An ancient man rebuke not, but entreat him as a father: young men, as brethren:
2 yɛ mmea mpanyimfo sɛ wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nuabeanom wɔ kronkronyɛ mu.
Old women, as mothers: young women, as sisters, in all chastity.
3 Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho.
Honour widows, that are widows indeed.
4 Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
But if any widow have children, or grandchildren, let her learn first to govern her own house, and to make a return of duty to her parents: for this is acceptable before God.
5 Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia.
But she that is a widow indeed, and desolate, let her trust in God, and continue in supplications and prayers night and day.
6 Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu.
For she that liveth in pleasures, is dead while she is living.
7 Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso.
And this give in charge, that they may be blameless.
8 Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.
But if any man have not care of his own, and especially of those of his house, he hath denied the faith, and is worse than an infidel.
9 Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware,
Let a widow be chosen of no less than threescore years of age, who hath been the wife of one husband.
10 na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa.
Having testimony for her good works, if she have brought up children, if she have received to harbour, if she have washed the saints’ feet, if she have ministered to them that suffer tribulation, if she have diligently followed every good work.
11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho
But the younger widows avoid. For when they have grown wanton in Christ, they will marry:
12 na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so.
Having damnation, because they have made void their first faith.
13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi mu na nea enye koraa ne sɛ wodi nseku yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka.
And withal being idle they learn to go about from house to house: and are not only idle, but tattlers also, and busybodies, speaking things which they ought not.
14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn.
I will therefore that the younger should marry, bear children, be mistresses of families, give no occasion to the adversary to speak evil.
15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.
For some are already turned aside after Satan.
16 Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.
If any of the faithful have widows, let him minister to them, and let not the church be charged: that there may be sufficient for them that are widows indeed.
17 Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso.
Let the priests that rule well, be esteemed worthy of double honour: especially they who labour in the word and doctrine:
18 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛni akatua fata no!”
For the scripture saith: Thou shalt not muzzle the ox that treadeth out the corn: and, The labourer is worthy of his reward.
19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye sɛ nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim.
Against a priest receive not an accusation, but under two or three witnesses.
20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu.
Them that sin reprove before all: that the rest also may have fear.
21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu.
I charge thee before God, and Christ Jesus, and the elect angels, that thou observe these things without prejudice, doing nothing by declining to either side.
22 Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho. Yɛ kronn.
Impose not hands lightly upon any man, neither be partaker of other men’s sins. Keep thyself chaste.
23 Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.
Do not still drink water, but use a little wine for thy stomach’s sake, and thy frequent infirmities.
24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu, nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri no.
Some men’s sins are manifest, going before to judgment: and some men they follow after.
25 Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.
In like manner also good deeds are manifest: and they that are otherwise, cannot be hid.

< 1 Timoteo 5 >