< 1 Samuel 26 >

1 Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no se, “Dawid akohintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” 2 Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3 Saulo bɔɔ nʼatenae wɔ ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti 4 ɔsomaa akwansrafo sɛ wɔntetɛw no. 5 Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase hɔ anadwo bi. Ohuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia. 6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?” Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.” 7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda. 8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, “Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na onni ho fɔ? 10 Nokware ni, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu. 11 Onyame ma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ.” 12 Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so. 13 Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae hɔ di nhwɛanim kosii sɛ oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, “Sɔre oo! Abner.” Abner bisaa se, “Hena ni?” 15 Dawid goruu ne ho se, “Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi wɔ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa sɛ ɔrebekum no no? 16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?” 17 Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, “Wo ni, me ba Dawid?” Na Dawid buaa no se, “Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn? 19 Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne somfo, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ. 20 Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne Awurade anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?” 21 Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.” 22 Dawid buae se, “Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye. 23 Awurade na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a Awurade asra wo. 24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.” 25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse.” Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie.

< 1 Samuel 26 >