< 1 Samuel 16 >

1 Awurade bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.”
ויאמר יהוה אל שמואל עד מתי אתה מתאבל אל שאול ואני מאסתיו ממלך על ישראל מלא קרנך שמן ולך אשלחך אל ישי בית הלחמי--כי ראיתי בבניו לי מלך
2 Samuel bisae se, “Mɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ Saulo te a obekum me.” Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fa nantwi ba ka wo ho, na ka se, ‘maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Awurade.’
ויאמר שמואל איך אלך ושמע שאול והרגני ויאמר יהוה עגלת בקר תקח בידך ואמרת לזבח ליהוה באתי
3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.”
וקראת לישי בזבח ואנכי אודיעך את אשר תעשה ומשחת לי את אשר אמר אליך
4 Samuel yɛɛ nea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Bere a oduu Betlehem no, ɛhɔ mpanyimfo no bɔɔ hu. Wobisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”
ויעש שמואל את אשר דבר יהוה ויבא בית לחם ויחרדו זקני העיר לקראתו ויאמר שלם בואך
5 Samuel buae se, “Yiw, asomdwoe mu. Merebɛbɔ afɔre ama Awurade. Munnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti Samuel dwiraa Yisai ne ne mmabarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase.
ויאמר שלום לזבח ליהוה באתי התקדשו ובאתם אתי בזבח ויקדש את ישי ואת בניו ויקרא להם לזבח
6 Wodui no, Samuel huu Eliab na osusuwii se, “Ampa, nea Awurade asra no no ni.”
ויהי בבואם וירא את אליאב ויאמר אך נגד יהוה משיחו
7 Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu.”
ויאמר יהוה אל שמואל אל תבט אל מראהו ואל גבה קומתו--כי מאסתיהו כי לא אשר יראה האדם--כי האדם יראה לעינים ויהוה יראה ללבב
8 Na Yisai frɛɛ Abinadab ma otwaa mu wɔ Samuel anim. Nanso Samuel kae se, “Oyi nyɛ nea Awurade ayi no.”
ויקרא ישי אל אבינדב ויעברהו לפני שמואל ויאמר גם בזה לא בחר יהוה
9 Yisai maa Sama twaa mu, nanso Samuel kae se, “Saa ara na Awurade nyii oyi.”
ויעבר ישי שמה ויאמר גם בזה לא בחר יהוה
10 Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “Awurade nyii wɔn mu biara ɛ.”
ויעבר ישי שבעת בניו לפני שמואל ויאמר שמואל אל ישי לא בחר יהוה באלה
11 Enti obisaa Yisai se, “Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?” Yisai buae se, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan.” Samuel kae se, “Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi.”
ויאמר שמואל אל ישי התמו הנערים ויאמר עוד שאר הקטן והנה רעה בצאן ויאמר שמואל אל ישי שלחה וקחנו כי לא נסב עד באו פה
12 Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.”
וישלח ויביאהו והוא אדמוני עם יפה עינים וטוב ראי ויאמר יהוה קום משחהו כי זה הוא
13 Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
ויקח שמואל את קרן השמן וימשח אתו בקרב אחיו ותצלח רוח יהוה אל דוד מהיום ההוא ומעלה ויקם שמואל וילך הרמתה
14 Saa bere yi na Awurade honhom afi Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛma ɔtenaa ase ehu ne osuro mu.
ורוח יהוה סרה מעם שאול ובעתתו רוח רעה מאת יהוה
15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfo no bi kyerɛɛ adwene bi se, “Honhommɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ rehaw wo.
ויאמרו עבדי שאול אליו הנה נא רוח אלהים רעה מבעתך
16 Momma yɛn Awurade mma ne nkoa mpɛ sankubɔfo papa bi, na sɛ honhom no fi Onyankopɔn hɔ ba wo so a, wabɔ nnwom ama wo, na wo ho bɛtɔ wo.”
יאמר נא אדננו עבדיך לפניך--יבקשו איש ידע מנגן בכנור והיה בהיות עליך רוח אלהים רעה--ונגן בידו וטוב לך
17 Saulo kae se, “Monhwehwɛ ɔsankubɔni papa bi na momfa no mmrɛ me.”
ויאמר שאול אל עבדיו ראו נא לי איש מיטיב לנגן והביאותם אלי
18 Asomfo no mu baako buae se, “Yisai a ofi Betlehem babarima baako nim sankubɔ yiye. Ɔyɛ ɔkokodurofo hoɔdenfo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberante a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
ויען אחד מהנערים ויאמר הנה ראיתי בן לישי בית הלחמי ידע נגן וגבור חיל ואיש מלחמה ונבון דבר ואיש תאר ויהוה עמו
19 Enti Saulo tuu abɔfo kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no brɛ me.”
וישלח שאול מלאכים אל ישי ויאמר שלחה אלי את דוד בנך אשר בצאן
20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho.
ויקח ישי חמור לחם ונאד יין וגדי עזים אחד וישלח ביד דוד בנו אל שאול
21 Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yiye, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodekurafo no mu baako.
ויבא דוד אל שאול ויעמד לפניו ויאהבהו מאד ויהי לו נשא כלים
22 Na Saulo de nkra kɔmaa Yisai se, “Ma Dawid nka mʼadwumayɛfo no ho, efisɛ mepɛ nʼasɛm yiye.”
וישלח שאול אל ישי לאמר יעמד נא דוד לפני כי מצא חן בעיני
23 Na bere biara a honhommɔne a efi Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛhaw no no, Dawid bɔ sanku no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.
והיה בהיות רוח אלהים אל שאול ולקח דוד את הכנור ונגן בידו ורוח לשאול וטוב לו וסרה מעליו רוח הרעה

< 1 Samuel 16 >