< 1 Samuel 12 >

1 Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2 Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase. 3 Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.” 4 Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.” 5 Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!” 6 Samuel toaa so se, “Ɛyɛ Awurade na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so. 7 Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no. 8 “Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so. 9 “Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so. 10 Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ 11 Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu. 12 “Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene. 13 Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛde ama mo. 14 Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye. 15 Na sɛ moantie Awurade, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no. 16 “Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a Awurade rebɛyɛ. 17 Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma Awurade apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.” 18 Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na da no ara, Awurade paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. 19 Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.” 20 Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade. 21 Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso. 22 Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade. 23 Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24 Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu. 25 Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.”

< 1 Samuel 12 >