< 1 Ahemfo 3 >

1 Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babea. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom, kosii sɛ osii nʼahemfi sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho fasu nso wiei.
And Solomon became the son-in-law of Pharaoh king of Egypt, and took Pharaoh's daughter, and brought her into the City of David, until he had made an end of building his own house, and the house of the LORD, and the wall of Jerusalem all around.
2 Saa bere no mu, na Israelfo bɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea, efisɛ na wonsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so ɛ.
Only the people sacrificed in the high places, because there was no house built for the name of the LORD until those days.
3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma Awurade, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hyew aduhuam wɔ hɔ nso.
Solomon loved the LORD, walking in the statutes of David his father: only he sacrificed and burnt incense in the high places.
4 Gibeon na na afɔremuka no mu atitiriw wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka so.
The king went to Gibeon to sacrifice there; for that was the great high place. Solomon offered a thousand burnt offerings on that altar.
5 Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”
In Gibeon the LORD appeared to Solomon in a dream by night; and God said, "Ask what I shall give you."
6 Salomo kae se, “Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, yɛ ɔtreneeni a ne koma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahengua nso so.
Solomon said, "You have shown to your servant David my father great loving kindness, according as he walked before you in truth, and in righteousness, and in uprightness of heart with you. You have kept for him this great loving kindness, that you have given him a son to sit on his throne, as it is this day.
7 “Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma.
Now, LORD my God, you have made your servant king instead of David my father. I am but a little child. I do not know how to go out or come in.
8 Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn.
Your servant is in the midst of your people which you have chosen, a great people, that can't be numbered nor counted for multitude.
9 Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?”
Give your servant therefore an understanding heart to judge your people, that I may discern between good and evil; for who is able to judge this your great people?"
10 Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee sɛ obisaa nyansa.
The speech pleased the LORD, that Solomon had asked this thing.
11 Enti Awurade buae se, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti,
God said to him, "Because you have asked this thing, and have not asked for yourself long life, neither have asked riches for yourself, nor have asked the life of your enemies, but have asked for yourself understanding to discern justice;
12 mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da.
look, I have done according to your word. Look, I have given you a wise and an understanding heart; so that there has been none like you before you, neither after you shall any arise like you.
13 Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu.
I have also given you that which you have not asked, both riches and honor, so that there shall not be any among the kings like you, all your days.
14 Na sɛ wudi mʼakyi, na wudi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.”
If you will walk in my ways, to keep my statutes and my commandments, as your father David walked, then I will lengthen your days."
15 Na Salomo nyanee, na ohuu sɛ ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon.
Solomon awoke; and look, it was a dream. Then he arose and came to Jerusalem, and stood before the ark of the covenant of the LORD, and offered up burnt offerings, offered peace offerings, and made a feast for all his servants.
16 Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn.
Then two women who were prostitutes came to the king, and stood before him.
17 Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ.
The one woman said, "Oh, my lord, I and this woman dwell in one house. I delivered a child with her in the house.
18 Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho.
It happened the third day after I delivered, that this woman delivered also. We were together. There was no stranger with us in the house, just us two in the house.
19 “Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no.
This woman's child died in the night, because she lay on it.
20 Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae.
She arose at midnight, and took my son from beside me, while your handmaid slept, and laid it in her bosom, and laid her dead child in my bosom.
21 Ade kyee a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu sɛ ɛnyɛ me ba no koraa.”
When I rose in the morning to nurse my child, look, it was dead; but when I had looked at it in the morning, look, it was not my son, whom I bore."
22 Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, “Abofra a wawu no yɛ wo ba no, ɛnna nea onwui no nso yɛ me de no.” Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, “Dabi da, nea wawu no yɛ wo ba no, na nea onwui no nso yɛ me de no.” Enti wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.
The other woman said, "No; but the living is my son, and the dead is your son." This said, "No; but the dead is your son, and the living is my son." Thus they spoke before the king.
23 Ɔhene no kae se, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no yɛ ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea.
Then the king said, "The one says, 'This is my son who lives, and your son is the dead;' and the other says, 'No; but your son is the dead one, and my son is the living one.'"
24 “Sɛ saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa.” Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no.
The king said, "Get me a sword." They brought a sword before the king.
25 Afei, ɔkae se, “Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara.”
The king said, "Divide the living child in two, and give half to the one, and half to the other."
26 Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!” Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”
Then the woman whose the living child was spoke to the king, for her heart yearned over her son, and she said, "Oh, my lord, give her the living child, and in no way kill it." But the other said, "It shall be neither mine nor yours. Divide it."
27 Ɛhɔ na ɔhene no kae se, “Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ sɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no.”
Then the king answered, "Give her the living child, and in no way kill it. She is its mother."
28 Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho.
All Israel heard of the judgment which the king had judged; and they feared the king: for they saw that the wisdom of God was in him, to do justice.

< 1 Ahemfo 3 >