< 1 Ahemfo 1 >

1 Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa posoposo no, sɛ wɔde ntama ahe kuru ne ho koraa a, entumi nka no hyew koraa.
והמלך דוד זקן בא בימים ויכסהו בבגדים ולא יחם לו
2 Enti nʼafotufo kae se, “Momma yɛmpɛ ɔbabun bi mma ɔhene na ɔtena ne ho nhwɛ no. Ɔbɛda ne kokom, na ama yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hyew.”
ויאמרו לו עבדיו יבקשו לאדני המלך נערה בתולה ועמדה לפני המלך ותהי לו סכנת ושכבה בחיקך וחם לאדני המלך
3 Enti wokyin ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbea hoɔfɛfo bi. Wokonyaa Abisag a ofi Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no.
ויבקשו נערה יפה בכל גבול ישראל וימצאו את אבישג השונמית ויבאו אתה למלך
4 Na ɔyɛ ɔbabea hoɔfɛfo, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso ɔhene no amfa ne ho anka no.
והנערה יפה עד מאד ותהי למלך סכנת ותשרתהו והמלך לא ידעה
5 Saa bere no mu Dawid babarima Adoniya a na wɔfrɛ ne na Hagit no yɛɛ ahomaso kaa se obesi ne ho hene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akwakoraa no anan mu. Enti ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twee nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim.
ואדניה בן חגית מתנשא לאמר אני אמלך ויעש לו רכב ופרשים וחמשים איש רצים לפניו
6 Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteɛɛ no da, mpo sɛ obebisa no se, “Dɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfo. Ɔno na na odi Absalom akyi wɔ awo mu.
ולא עצבו אביו מימיו לאמר מדוע ככה עשית וגם הוא טוב תאר מאד ואתו ילדה אחרי אבשלום
7 Adoniya gyee Seruia babarima Yoab ne ɔsɔfo Abiatar too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene.
ויהיו דבריו--עם יואב בן צרויה ועם אביתר הכהן ויעזרו אחרי אדניה
8 Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na odi hene no bi ne ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifo Natan, Simei, Rei ne Dawid ho bammɔfo.
וצדוק הכהן ובניהו בן יהוידע ונתן הנביא ושמעי ורעי והגבורים אשר לדוד--לא היו עם אדניהו
9 Adoniya kɔɔ Sohelet Bo a ɛbɛn En-Rogel asuti ho. Ɛhɔ na ɔde nguan, anantwi ne anantwi mma bɔɔ afɔre. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarimanom nyinaa, ɔhene Dawid mmabarima no, ne Yuda adehye mpanyimfo.
ויזבח אדניהו צאן ובקר ומריא עם אבן הזחלת אשר אצל עין רגל ויקרא את כל אחיו בני המלך ולכל אנשי יהודה עבדי המלך
10 Nanso wamfrɛ odiyifo Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho bammɔfo anaa ne nuabarima Salomo.
ואת נתן הנביא ובניהו ואת הגבורים ואת שלמה אחיו--לא קרא
11 Na odiyifo Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo na no nkyɛn kobisaa no se, “Wunim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho hene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee?
ויאמר נתן אל בת שבע אם שלמה לאמר הלוא שמעת כי מלך אדניהו בן חגית ואדנינו דוד לא ידע
12 Sɛ wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu, na wugye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotu yi.
ועתה לכי איעצך נא עצה ומלטי את נפשך ואת נפש בנך שלמה
13 Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kobisa no se, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi obedi wʼade sɛ ɔhene, na watena wʼahengua no so? Na adɛn nti na Adoniya ayɛ ɔhene?’
לכי ובאי אל המלך דוד ואמרת אליו הלא אתה אדני המלך נשבעת לאמתך לאמר כי שלמה בנך ימלך אחרי והוא ישב על כסאי ומדוע מלך אדניהו
14 Na bere a wugu so ne no rekasa no, mɛba abesi asɛm biara a woaka no so dua.”
הנה עודך מדברת שם--עם המלך ואני אבוא אחריך ומלאתי את דבריך
15 Na Batseba kɔɔ ɔhene pia mu. Afei, na wabɔ akwakoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no.
ותבא בת שבע אל המלך החדרה והמלך זקן מאד ואבישג השונמית משרת את המלך
16 Batseba kotow no, na ɔhene no bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?”
ותקד בת שבע ותשתחו למלך ויאמר המלך מה לך
17 Obuaa no se, “Me wura, wugyina Awurade, wo Nyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na obedi wʼade, na watena wʼahengua so.
ותאמר לו אדני אתה נשבעת ביהוה אלהיך לאמתך כי שלמה בנך ימלך אחרי והוא ישב על כסאי
18 Nanso mprempren de, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforo a mpo, wunnim ho hwee.
ועתה הנה אדניה מלך ועתה אדני המלך לא ידעת
19 Ɔde anantwi ne anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne Yoab a ɔyɛ asraafo no sahene no. Nanso wanto nsa amfrɛ wo somfo Salomo bi.
ויזבח שור ומריא וצאן לרב ויקרא לכל בני המלך ולאביתר הכהן וליאב שר הצבא ולשלמה עבדך לא קרא
20 Na me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn nea wobɛkyerɛ sɛ onni wʼade sɛ ɔhene.
ואתה אדני המלך עיני כל ישראל עליך להגיד להם--מי ישב על כסא אדני המלך אחריו
21 Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wunya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ amumɔyɛfo.”
והיה כשכב אדני המלך עם אבתיו והייתי אני ובני שלמה--חטאים
22 Ogu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifo Natan beduu hɔ.
והנה עודנה מדברת עם המלך ונתן הנביא בא
23 Ɔhene afotufo no ka kyerɛɛ no se, “Odiyifo Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ohu wo.” Natan kɔɔ mu kɔkotow ɔhene no.
ויגידו למלך לאמר הנה נתן הנביא ויבא לפני המלך וישתחו למלך על אפיו ארצה
24 Obisae se, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na onni wʼade, na ɔntena wʼahengua so ana?
ויאמר נתן אדני המלך אתה אמרת אדניהו ימלך אחרי והוא ישב על כסאי
25 Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’
כי ירד היום ויזבח שור ומריא וצאן לרב ויקרא לכל בני המלך ולשרי הצבא ולאביתר הכהן והנם אכלים ושתים לפניו ויאמרו יחי המלך אדניהו
26 Na me a meyɛ wo somfo no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso.
ולי אני עבדך ולצדק הכהן ולבניהו בן יהוידע ולשלמה עבדך--לא קרא
27 Ɛyɛ nokware sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfo no mu biara ante onipa a obedi nʼade sɛ ɔhene no ho hwee?”
אם מאת אדני המלך נהיה הדבר הזה ולא הודעת את עבדיך (עבדך) מי ישב על כסא אדני המלך אחריו
28 Dawid kae se, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa hɔ.
ויען המלך דוד ויאמר קראו לי לבת שבע ותבא לפני המלך ותעמד לפני המלך
29 Na ɔhene hyɛɛ bɔ se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi,
וישבע המלך ויאמר חי יהוה אשר פדה את נפשי מכל צרה
30 nnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na obedi ade sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahengua so, sɛnea mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, anim no.”
כי כאשר נשבעתי לך ביהוה אלהי ישראל לאמר כי שלמה בנך ימלך אחרי והוא ישב על כסאי תחתי כי כן אעשה היום הזה
31 Na Batseba san kotow no bio, na ɔteɛɛ mu se, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”
ותקד בת שבע אפים ארץ ותשתחו למלך ותאמר--יחי אדני המלך דוד לעלם
32 Na ɔhene Dawid hyɛɛ se, “Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no,
ויאמר המלך דוד קראו לי לצדוק הכהן ולנתן הנביא ולבניהו בן יהוידע ויבאו לפני המלך
33 ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Salomo ne me mpanyimfo no nkɔ Gihon asuti no ho. Salomo ntena mʼafurumpɔnkɔ so.
ויאמר המלך להם קחו עמכם את עבדי אדניכם והרכבתם את שלמה בני על הפרדה אשר לי והורדתם אתו אל גחון
34 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn torobɛnto, na monteɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’
ומשח אתו שם צדוק הכהן ונתן הנביא למלך--על ישראל ותקעתם בשופר ואמרתם יחי המלך שלמה
35 Na sɛ mosan de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahengua so. Obedi mʼade sɛ ɔhene, efisɛ mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.”
ועליתם אחריו ובא וישב על כסאי והוא ימלך תחתי ואתו צויתי להיות נגיד על ישראל ועל יהודה
36 Yehoiada babarima Benaia gyee so se, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Nyankopɔn no mmara no mmra mu saa.
ויען בניהו בן יהוידע את המלך ויאמר אמן כן יאמר יהוה אלהי אדני המלך
37 Na Awurade nka Salomo ho sɛnea ɔkaa wo ho no, na Salomo ahenni nyɛ yiye nkyɛn wo de no mpo.”
כאשר היה יהוה עם אדני המלך כן יהי (יהיה) עם שלמה ויגדל את כסאו מכסא אדני המלך דוד
38 Enti ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho bammɔfo faa Salomo de no kɔɔ Gihon asuti no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afurumpɔnkɔ so.
וירד צדוק הכהן ונתן הנביא ובניהו בן יהוידע והכרתי והפלתי וירכבו את שלמה על פרדת המלך דוד וילכו אתו על גחון
39 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok faa ngotoa fii ntamadan kronkron mu hɔ behwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn torobɛnto maa nnipa no nyinaa teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene Salomo nkwa so!”
ויקח צדוק הכהן את קרן השמן מן האהל וימשח את שלמה ויתקעו בשופר ויאמרו כל העם יחי המלך שלמה
40 Na nnipa no nyinaa san ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurusi. Na anigye ne ahosɛpɛw ne nteɛteɛmu no ano yɛɛ den ara kosii sɛ, wɔn nne no wosow asase.
ויעלו כל העם אחריו והעם מחללים בחללים ושמחים שמחה גדולה ותבקע הארץ בקולם
41 Adoniya ne nʼahɔho tee osebɔ ne nteɛteɛmu bere a wɔreyɛ awie wɔn aponto no. Yoab tee torobɛnto nne no, obisae se, “Na asɛm bɛn na asi? Na adɛn nso na kurow no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
וישמע אדניהו וכל הקראים אשר אתו והם כלו לאכל וישמע יואב את קול השופר ויאמר מדוע קול הקריה הומה
42 Bere a ogu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfo Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no se, “Bra mu, efisɛ woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
עודנו מדבר והנה יונתן בן אביתר הכהן בא ויאמר אדניהו בא כי איש חיל אתה וטוב תבשר
43 Yonatan buae se, “Dabi da! Mprempren ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene.
ויען יונתן ויאמר לאדניהו אבל אדנינו המלך דוד המליך את שלמה
44 Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho bammɔfo rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asuti ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so,
וישלח אתו המלך את צדוק הכהן ואת נתן הנביא ובניהו בן יהוידע והכרתי והפלתי וירכבו אתו על פרדת המלך
45 na Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforo. Wɔreba ara ni, na kurow mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no nkyerɛase ara ne no.
וימשחו אתו צדוק הכהן ונתן הנביא למלך בגחון ויעלו משם שמחים ותהם הקריה הוא הקול אשר שמעתם
46 Afei, mprempren, Salomo te ahengua so sɛ ɔhene.
וגם ישב שלמה על כסא המלוכה
47 Adehye mpanyimfo nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no mo, kae se, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahenni nhyeta nkyɛn wo de no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛse nsen wo de no!’ Na ɔhene sii ne ti ase yii Awurade ayɛ, bere a na ɔda ne mpa mu,
וגם באו עבדי המלך לברך את אדנינו המלך דוד לאמר ייטב אלהיך (אלהים) את שם שלמה משמך ויגדל את כסאו מכסאך וישתחו המלך על המשכב
48 na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a nnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahengua so wɔ bere a mete ase, na mihu nea ɛrekɔ so nyinaa.’”
וגם ככה אמר המלך ברוך יהוה אלהי ישראל אשר נתן היום ישב על כסאי--ועיני ראות
49 Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔho no nyinaa de hu gyee bum, fii aponto no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan.
ויחרדו ויקמו כל הקראים אשר לאדניהו וילכו איש לדרכו
50 Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti oguan kɔɔ ntamadan kronkron no mu kosusoo mmɛn a esisi afɔremuka no so no mu.
ואדניהו ירא מפני שלמה ויקם וילך ויחזק בקרנות המזבח
51 Ankyɛ na Salomo tee sɛ Adoniya akosuso mmɛn a esisi afɔremuka no so, na ɔresrɛ se, “Momma Salomo nsua nkyerɛ nnɛ yi ara, na wankum me!”
ויגד לשלמה לאמר הנה אדניהו ירא את המלך שלמה והנה אחז בקרנות המזבח לאמר ישבע לי כיום המלך שלמה אם ימית את עבדו בחרב
52 Salomo buae se, “Sɛ obedi me nokware de a, wɔrenhaw no. Na sɛ wanyɛ saa de a, wobekum no.”
ויאמר שלמה--אם יהיה לבן חיל לא יפל משערתו ארצה ואם רעה תמצא בו ומת
53 Enti ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no fi afɔremuka no so kɔe. Ɔkotow ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie.”
וישלח המלך שלמה ויורדהו מעל המזבח ויבא וישתחו למלך שלמה ויאמר לו שלמה לך לביתך

< 1 Ahemfo 1 >