< 1 Yohane 4 >

1 Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase.
Dear friends, do not trust every spirit, but test the spirits to see whether they are from God, because many false prophets have gone out into the world.
2 Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu.
This is the way to recognise the Spirit of God: those who acknowledge Jesus Christ as come in the flesh have God’s Spirit,
3 Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.
while a spirit that doesn’t acknowledge Jesus isn’t from God. Instead it is the spirit of the antichrist; you have heard that it was coming, and it is now already in the world!
4 Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu.
You, my children, come from God, and you have successfully resisted such people as these, because he who is in you is greater than the one who is in the world.
5 Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo.
Those people belong to the world and therefore they speak as the world speaks, and the world listens to them.
6 Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu.
We come from God. Whoever knows God listens to us; the person who does not come from God does not listen to us. This is how we distinguish the spirit of truth and the spirit of deception.
7 Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso.
Dear friends, let us love one another, because love comes from God and everyone who loves is a child of God and knows God.
8 Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.
Those who do not love know nothing of God, for God is love.
9 Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.
This is how God showed his love among us: he sent his one and only Son into the world that we might live through him.
10 Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.
This is what love is: it is not that we have loved God, but that he loved us and sent his Son to be an atoning sacrifice for our sins.
11 Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.
Dear friends, since God loved us in this way, we should love one another.
12 Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
No one has ever seen God, but if we love one another, God lives in us and his love reaches perfection within us.
13 Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom.
We know that we live in him, and he lives in us, because he has given us a measure of his Spirit.
14 Na yɛahu, na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.
Moreover, we have seen for ourselves and testify that the Father has sent the Son to be the Saviour of the world.
15 Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu.
Whoever acknowledges that Jesus Christ is the Son of God, God lives in them, and they live in God.
16 Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu.
And so we have come to know and believe the love which God has for us. God is love; and whoever lives in love lives in God, and God lives in them.
17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru wɔ atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de ara pɛ.
This is the way love has reached its perfection among us, so that we may have confidence on the day of judgment, because in this world we are like Christ.
18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
There is no fear in love; perfect love drives out fear because fear has to do with punishment. So anyone who is afraid has not reached perfection in love.
19 Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.
We love, because God first loved us.
20 Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no.
If someone says “I love God,” and yet hates others, they are a liar. For the person who does not love their brother or sister, whom they have seen, cannot love God, whom they have not seen.
21 Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.
Indeed, we have this command from Christ: Those who love God must also love each other.

< 1 Yohane 4 >