< 1 Korintofo 5 >

1 Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. 2 Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu? 3 Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. 4 Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, 5 ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa. 6 Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana? 7 Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. 8 Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no. 9 Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa, 10 anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. 11 Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi. 12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn? 13 Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.”

< 1 Korintofo 5 >