< 1 Korintofo 1 >

1 Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn,
Paul, called [to be] an apostle of Jesus Christ through the will of God, and Sosthenes [our] brother,
2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
To the church of God which is at Corinth, to them that are sanctified in Christ Jesus, called [to be] saints, with all that in every place call upon the name of Jesus Christ our Lord, both theirs and ours.
3 Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
Grace [be] to you, and peace from God our Father, and [from] the Lord Jesus Christ.
4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
I thank my God always on your behalf, for the grace of God which is given you by Jesus Christ;
5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu.
That in every thing ye are enriched by him, in all utterance, and [in] all knowledge;
6 Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu.
Even as the testimony of Christ was confirmed in you:
7 Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi.
So that ye come behind in no gift; waiting for the coming of our Lord Jesus Christ:
8 Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara.
Who will also confirm you to the end, [that ye may be] blameless in the day of our Lord Jesus Christ.
9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.
God [is] faithful, by whom ye were called to the fellowship of his Son Jesus Christ our Lord.
10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako.
Now I beseech you, brethren, by the name of our Lord Jesus Christ, that ye all speak the same thing, and [that] there be no divisions among you; but [that] ye be perfectly joined together in the same mind, and in the same judgment.
11 Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.
For it hath been declared to me concerning you, my brethren, by them [who are of the house] of Chloe, that there are contentions among you.
12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
Now this I say, that every one of you saith, I am of Paul; and I of Apollos; and I of Cephas; and I of Christ.
13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana?
Is Christ divided? was Paul crucified for you? or were ye baptized in the name of Paul?
14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho.
I thank God that I baptized none of you, but Crispus and Gaius;
15 Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo.
Lest any should say that I had baptized in my own name.
16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio.
And I baptized also the household of Stephanas; besides, I know not whether I baptized any other.
17 Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.
For Christ hath not sent me to baptize, but to preach the gospel: not with wisdom of words, lest the cross of Christ should be made of no effect.
18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asennuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi.
For the preaching of the cross is to them that perish, foolishness; but to us who are saved, it is the power of God.
19 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
For it is written, I will destroy the wisdom of the wise, and will bring to nothing the understanding of the prudent.
20 Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu (aiōn g165)
Where [is] the wise? where [is] the scribe? where [is] the disputer of this world? hath not God made foolish the wisdom of this world? (aiōn g165)
21 Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa.
For when in the wisdom of God the world by wisdom knew not God, it pleased God by the foolishness of preaching to save them that believe.
22 Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa.
For the Jews require a sign, and the Greeks seek wisdom:
23 Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo;
But we preach Christ crucified, to the Jews a stumbling-block, and to the Greeks foolishness;
24 nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.
But to them who are called, both Jews and Greeks, Christ the power of God, and the wisdom of God.
25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.
Because the foolishness of God is wiser than men; and the weakness of God is stronger than men.
26 Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso.
For ye see your calling, brethren, that not many wise men after the flesh, not many mighty, not many noble [are called]:
27 Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.
But God hath chosen the foolish things of the world to confound the wise; and God hath chosen the weak things of the world to confound the things which are mighty;
28 Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no.
And base things of the world, and things which are despised, hath God chosen, and things which are not, to bring to naught things that are:
29 Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim.
That no flesh should glory in his presence.
30 Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho.
But of him are ye in Christ Jesus, who from God is made to us wisdom, and righteousness, and sanctification, and redemption:
31 Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”
That, according as it is written, He that glorieth, let him glory in the Lord.

< 1 Korintofo 1 >