< 1 Beresosɛm 22 >

1 Afei, Dawid kae se, “Ɛha ne baabi a wobesi Awurade Nyankopɔn Asɔredan no ne afɔremuka a Israel bɛbɔ so ɔhyew afɔre no.”
それでダビデは言った、「主なる神の家はこれである、イスラエルのための燔祭の祭壇はこれである」と。
2 Ɛno nti Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔho a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔma wotwaa abo a wɔde besi Onyankopɔn Asɔredan no.
ダビデは命じてイスラエルの地にいる他国人を集めさせ、また神の家を建てるのに用いる石を切るために石工を定めた。
3 Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo.
ダビデはまた門のとびらのくぎ、およびかすがいに用いる鉄をおびただしく備えた。また青銅を量ることもできないほどおびただしく備えた。
4 Ɔmaa sida nnua pii nso, efisɛ na mmarima a wofi Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dedaw.
また香柏を数えきれぬほど備えた。これはシドンびととツロの人々がおびただしく香柏をダビデの所に持って来たからである。
5 Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
ダビデは言った、「わが子ソロモンは若く、かつ経験がない。また主のために建てる家はきわめて壮大で、万国に名を得、栄えを得るものでなければならない。それゆえ、わたしはその準備をしておこう」と。こうしてダビデは死ぬ前に多くの物資を準備した。
6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade, Israel Nyankopɔn.
そして彼はその子ソロモンを召して、イスラエルの神、主のために家を建てることを命じた。
7 Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade, me Nyankopɔn, din anuonyam.
すなわちダビデはソロモンに言った、「わが子よ、わたしはわが神、主の名のために家を建てようと志していた。
8 Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Woakunkum nnipa bebree wɔ akodi akɛse a wudii no mu. Na esiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim nti, ɛnyɛ wo na wubesi asɔredan de ahyɛ me din anuonyam.
ところが主の言葉がわたしに臨んで言われた、『おまえは多くの血を流し、大いなる戦争をした。おまえはわたしの前で多くの血を地に流したから、わが名のために家を建ててはならない。
9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel.
見よ、男の子がおまえに生れる。彼は平和の人である。わたしは彼に平安を与えて、周囲のもろもろの敵に煩わされないようにしよう。彼の名はソロモンと呼ばれ、彼の世にわたしはイスラエルに平安と静穏とを与える。
10 Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’
彼はわが名のために家を建てるであろう。彼はわが子となり、わたしは彼の父となる。わたしは彼の王位をながくイスラエルの上に堅くするであろう』。
11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade, wo Nyankopɔn, asɔredan yi.
それでわが子よ、どうか主があなたと共にいまし、あなたを栄えさせて、主があなたについて言われたように、あなたの神、主の家を建てさせてくださるように。
12 Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade, wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi.
ただ、どうか主があなたに分別と知恵を賜い、あなたをイスラエルの上に立たせられるとき、あなたの神、主の律法を、あなたに守らせてくださるように。
13 Sɛ wudi mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yiye a, ebesi wo yiye. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wo koma ntu.
あなたがもし、主がイスラエルについてモーセに命じられた定めとおきてとを慎んで守るならば、あなたは栄えるであろう。心を強くし、勇め。恐れてはならない、おののいてはならない。
14 “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no si ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn mpem anan, dwetɛ bɛyɛ tɔn mpem aduanan ne nnade ne kɔbere mfrafrae pii a wontumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne abo a wɔde bɛyɛ afasu no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho.
見よ、わたしは苦難のうちにあって主の家のために金十万タラント、銀百万タラントを備え、また青銅と鉄を量ることもできないほどおびただしく備えた。また材木と石をも備えた。あなたはまたこれに加えなければならない。
15 Wowɔ abo adansifo, nnua adwumfo ne nnwuma ahorow mu adwumfo bebree.
あなたにはまた多数の職人、すなわち石や木を切り刻む者、工作に巧みな各種の者がある。
16 Wɔyɛ abenfo wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinni mu, kɔbere mfrafrae ne nnade ho adwumayɛfo. Afei fi adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
金、銀、青銅、鉄もおびただしくある。たって行いなさい。どうか主があなたと共におられるように」。
17 Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofo nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadi no mu.
ダビデはまたイスラエルのすべてのつかさたちにその子ソロモンを助けるように命じて言った、
18 Ɔkae se, “Awurade, wo Nyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoe aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, nti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfo nkoa.
「あなたがたの神、主はあなたがたとともにおられるではないか。四方に泰平を賜わったではないか。主はこの地の民をわたしの手にわたされたので、この地は主の前とその民の前に服している。
19 Afei fi wo koma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Nyankopɔn. Si Awurade Nyankopɔn kronkronbea sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din anuonyam no mu.”
それであなたがたは心をつくし、精神をつくしてあなたがたの神、主を求めなさい。たって主なる神の聖所を建て、主の名のために建てるその家に、主の契約の箱と神の聖なるもろもろの器を携え入れなさい」。

< 1 Beresosɛm 22 >