< 1 Beresosɛm 10 >

1 Afei, Filistifo no bɛtow hyɛɛ Israel so, maa Israelfo no guanee. Wokunkum wɔn mu pii wɔ bepɔw Gilboa so.
Now the Philistines fought against Israel. Every man of Israel fled from before the Philistines and fell down dead on Mount Gilboa.
2 Filistifo no kaa Saulo ne ne mmabarima hyɛe. Wokunkum wɔn mu baasa a wɔne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
The Philistines closely pursued Saul and his son. The Philistines killed Jonathan, Abinadab, and Malki-Shua, his sons.
3 Ɔko no ano yɛɛ den twaa Saulo ho hyiae, maa Filistifo agyantowfo no nyaa Saulo piraa no yiye.
The battle went heavily against Saul, and the archers overtook him, and they wounded him.
4 Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho.
Then said Saul to his armor bearer, “Draw your sword and thrust me through with it. Otherwise, these uncircumcised will come and abuse me.” But his armor bearer would not, for he was very afraid. So Saul took his own sword and fell on it.
5 Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso de nʼafoa kum ne ho.
When his armor bearer saw that Saul was dead, he likewise fell on his sword and died.
6 Ɛno nti, Saulo ne ne mma mmarima baasa no wuwuu hɔ ara, maa nʼahenni nnidiso no baa awiei.
So Saul died, and his three sons, so all his household members died together.
7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no mu no huu sɛ wɔadi wɔn asraafo no so, na Saulo ne ne mmabarima baasa no awuwu no, woguan gyaa wɔn nkurow hɔ. Ɛno nti, Filistifo no kɔfaa wɔn nkurow no.
When every man of Israel in the valley saw that they had fled, and that Saul and his sons were dead, they abandoned their cities and fled. Then the Philistines came and lived in them.
8 Ade kyee a Filistifo no kɔɔ sɛ wɔrekoyiyi atɔfo no ho nneɛma no, wohuu sɛ Saulo ne ne mmabarima no amu gugu bepɔw Gilboa so.
It came about on the next day, when the Philistines came to strip the dead, that they found Saul and his sons fallen on Mount Gilboa.
9 Enti woyiyii Saulo akode fii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wu no ho dawuru maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa tee.
They stripped him and took his head and his armor. They sent messengers throughout Philistia to carry the news to their idols and to the people.
10 Wɔde nʼakode no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no fasu ho.
They put his armor in the temple of their gods, and fastened his head to the temple of Dagon.
11 Nanso Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no,
When all Jabesh Gilead heard of all that the Philistines had done to Saul,
12 wɔn akofo kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu baa Yabes. Na wosiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wodii mmuada nnanson.
all the fighting men went and took away the body of Saul and those of his sons, and brought them to Jabesh. They buried their bones under the oak in Jabesh and fasted seven days.
13 Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ
So Saul died because he was unfaithful to Yahweh. He did not obey Yahweh's instructions, but asked for advice from someone who talked with the dead.
14 wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.
He did not seek guidance from Yahweh, so Yahweh killed him and turned over the kingdom to David son of Jesse.

< 1 Beresosɛm 10 >