< Псалтирь 121 >

1 Песнь восхождения. Возвожу очи мои к горам, откуда придет помощь моя.
Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba?
2 Помощь моя от Господа, сотворившего небо и землю.
Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no.
3 Не даст Он поколебаться ноге твоей, не воздремлет хранящий тебя;
Ɔremma wo nan nwatiri, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.
4 не дремлет и не спит хранящий Израиля.
Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna.
5 Господь - хранитель твой; Господь - сень твоя с правой руки твоей.
Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;
6 Днем солнце не поразит тебя, ни луна ночью.
Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu, na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.
7 Господь сохранит тебя от всякого зла; сохранит душу твою Господь.
Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
8 Господь будет охранять выхождение твое и вхождение твое отныне и вовек.
Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so mprempren ne daa.

< Псалтирь 121 >