< Исаия 33 >

1 Горе тебе, опустошитель, который не был опустошаем, и грабитель, которого не грабили! Когда кончишь опустошение, будешь опустошен и ты; когда прекратишь грабительства, разграбят и тебя.
Due, ɔdesɛefo, wo a wɔnsɛee wo! Due, ɔfatwafo, wo a wonnii wo huammɔ! sɛ wugyae adesɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wuwie huammɔdi a, wobedi wo huammɔ.
2 Господи! помилуй нас; на Тебя уповаем мы; будь нашею мышцею с раннего утра и спасением нашим во время тесное.
Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.
3 От грозного гласа Твоего побегут народы; когда восстанешь, рассеются племена,
Aman no te wo nne mmubomu a, woguan; sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete.
4 и будут собирать добычу вашу, как собирает гусеница; бросятся на нее, как бросается саранча.
Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ; nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm.
5 Высок Господь, живущий в вышних; Он наполнит Сион судом и правдою.
Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
6 И настанут безопасные времена твои, изобилие спасения, мудрости и ведения; страх Господень будет сокровищем твоим.
Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so, nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae; Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.
7 Вот, сильные их кричат на улицах; послы для мира горько плачут.
Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so; asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.
8 Опустели дороги; не стало путешествующих; он нарушил договор, разрушил города, - ни во что ставит людей.
Atempɔn no so da hɔ kwa, akwantufo biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so, wobu nʼadansefo animtiaa wommu obiara.
9 Земля сетует, сохнет; Ливан постыжен, увял; Сарон похож стал на пустыню, и обнажены от листьев своих Васан и Кармил.
Asase no wo kesee na ɛsɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.
10 Ныне Я восстану, говорит Господь, ныне поднимусь, ныне вознесусь.
“Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se. “Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ; afei na wɔbɛma me so.
11 Вы беременны сеном, разродитесь соломою; дыхание ваше - огонь, который пожрет вас.
Munyinsɛn ntɛtɛ, na mowo sare; mo home yɛ ogya a ɛhyew mo.
12 И будут народы, как горящая известь, как срубленный терновник, будут сожжены в огне.
Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso; wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.”
13 Слушайте, дальние, что сделаю Я; и вы, ближние, познайте могущество Мое.
Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
14 Устрашились грешники на Сионе; трепет овладел нечестивыми: “кто из нас может жить при огне пожирающем? кто из нас может жить при вечном пламени?”
Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame: “Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena? Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”
15 Тот, кто ходит в правде и говорит истину; кто презирает корысть от притеснения, удерживает руки свои от взяток, затыкает уши свои, чтобы не слышать о кровопролитии, и закрывает глаза свои, чтобы не видеть зла;
Nea ɔnantew trenee mu na odi nokware nea ɔpo mfaso a asisi de ba na onnye adanmude, nea ontie awudi ho pɔwbɔ nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,
16 тот будет обитать на высотах; убежище его - неприступные скалы; хлеб будет дан ему; вода у него не иссякнет.
saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. Wɔde nʼaduan bɛma no na ne nsu remmɔ no.
17 Глаза твои увидят Царя в красоте Его, узрят землю отдаленную;
Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no.
18 сердце твое будет только вспоминать об ужасах: “где делавший перепись? где весивший дань? где осматривающий башни?”
Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho: “Odwumayɛni panyin no wɔ he? Nea na ogyigye tow no wɔ he? Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”
19 Не увидишь более народа свирепого, народа с глухою, невнятною речью, с языком странным, непонятным.
Morenhu saa ahantanfo no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte nea wɔka no ase no.
20 Взгляни на Сион, город праздничных собраний наших; глаза твои увидят Иерусалим, жилище мирное, непоколебимую скинию; столпы ее никогда не исторгнутся, и ни одна вервь ее не порвется.
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani behu Yerusalem, asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu; wɔrentutu ne nnyinaso da, na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.
21 Там у нас великий Господь будет вместо рек, вместо широких каналов; туда не войдет ни одно весельное судно, и не пройдет большой корабль.
Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo. Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ. Akorow a wɔhare remfa so ahyɛn akɛse rennantew so.
22 Ибо Господь - судия наш, Господь - законодатель наш, Господь - царь наш; Он спасет нас.
Na Awurade ne yɛn temmufo, Awurade ne yɛn mmarahyɛfo, Awurade ne yɛn hene; na ɔno na obegye yɛn nkwa.
23 Ослабли веревки твои, не могут удержать мачты и натянуть паруса. Тогда будет большой раздел добычи, так что и хромые пойдут на грабеж.
Wo ntampehama mu agow enti hyɛn dua no nni nnyinaso, na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu. Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.
24 И ни один из жителей не скажет: “я болен”; народу, живущему там, будут отпущены согрешения.
Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;” na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.

< Исаия 33 >