< مزامیر 14 >

برای سالار مغنیان. مزمور داود احمق در دل خود می‌گوید که خدایی نیست. کارهای خود را فاسد و مکروه ساخته‌اند و نیکوکاری نیست. ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
خداوند ازآسمان بربنی آدم نظر انداخت تا ببیند که آیا فهیم و طالب خدایی هست؟ ۲ 2
Awurade fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
همه روگردانیده، با هم فاسد شده‌اند. نیکوکاری نیست یکی هم نی. ۳ 3
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
آیا همه گناهکاران بی‌معرفت هستند که قوم مرا می‌خورند چنانکه نان می‌خورند؟ و خداوندرا نمی خوانند؟ ۴ 4
Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Awurade?
آنگاه ترس بر ایشان مستولی شد، زیرا خدادر طبقه عادلان است. ۵ 5
Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn, efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.
مشورت مسکین را خجل می‌سازید چونکه خداوند ملجای اوست. ۶ 6
Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe, nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.
کاش که نجات اسرائیل از صهیون ظاهرمی شد! چون خداوند اسیری قوم خویش رابرگرداند، یعقوب وجد خواهد نمود و اسرائیل شادمان خواهد گردید. ۷ 7
Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

< مزامیر 14 >