< اعداد 17 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«به بنی‌اسرائیل سخن بگو و از ایشان عصاها بگیر، یک عصا از هر خاندان آبا، از جمیع سروران ایشان دوازده عصا برحسب خاندان آبای ایشان. و نام هرکس را بر عصای او بنویس. ۲ 2
“Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnyɛ pema dumien, abusua biara panyin ntwa baako. Kyerɛw obiara din wɔ ne de ho.
واسم هارون را بر عصای لاوی بنویس، زیراکه برای هر سرور خاندان آبای ایشان یک عصاخواهد بود. ۳ 3
Aaron din na wɔbɛkyerɛw agu Lewi abusuakuw pema no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ abusuapanyin biara nya pema baako.
و آنها را در خیمه اجتماع پیش شهادت، جایی که من با شما ملاقات می‌کنم بگذار. ۴ 4
Momfa pema yi ngu Ahyiae Ntamadan no mu ahyiae mu wɔ baabi a mihyia mo wɔ adaka no anim hɔ no.
و شخصی را که من اختیار می‌کنم عصای او شکوفه خواهدآورد، پس همهمه بنی‌اسرائیل را که بر شما می‌کنند از خود ساکت خواهم نمود.» ۵ 5
Menam pema yi so bɛkyerɛ onipa a meyi no no na ne pema no ho bɛfefɛw, na meyi Israelfo anwiinwii a wɔtaa nwiinwii tia wo no nyinaa afi hɔ.”
و موسی این را به بنی‌اسرائیل گفت، پس جمیع سروران ایشان او را عصاها دادند، یک عصابرای هر سرور، یعنی دوازده عصا برحسب خاندان آبای ایشان، و عصاهای هارون در میان عصاهای آنها بود. ۶ 6
Enti Mose maa Israelfo no maa no pema dumien a wɔn abusua no biara panyin de wɔ mu a na Aaron ka de ka ho bi.
و موسی عصاها را به حضور خداوند در خیمه شهادت گذارد. ۷ 7
Mose de guu Awurade anim wɔ Adanse Ntamadan no mu hɔ.
و در فردای آن روز چون موسی به خیمه شهادت داخل شد، اینک عصای هارون که بجهت خاندان لاوی بودشکفته بود، و شکوفه آورده و گل داده، و بادام رسانیده بود. ۸ 8
Ade kyee a ɔkɔɔ mu no, ohuu sɛ Aaron pema a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuw no afefɛw ayɛ frɔmm, asow aba a ɛsensɛn so.
و موسی همه عصاها را از حضورخداوند نزد جمیع بنی‌اسرائیل بیرون آورده، هریک نگاه کرده، عصای خود را گرفتند. ۹ 9
Na Mose de pema no fii Awurade anim ba bɛkyerɛɛ Israelfo no. Wɔhwɛe, na ɔpanyin biara faa ne pema.
و خداوند به موسی گفت: «عصای هارون را پیش روی شهادت باز بگذار تا بجهت علامت برای ابنای تمرد نگاه داشته شود، و همهمه ایشان را از من رفع نمایی تا نمیرند.» ۱۰ 10
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Aaron pema no san kɔto adaka no anim na fa yɛ nsɛnkyerɛnne ma atuatewfo no. Eyi de anwiinwii a wonwiinwii tia me no bɛba awiei na wɔanwuwu.” Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a etia Aaron tumi a, ebesiw amanehunu foforo a anka ɛbɛba nnipa no so no ano.
پس موسی چنان کرد، و به نحوی که خداوند او را امر فرموده بود، عمل نمود. ۱۱ 11
Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
وبنی‌اسرائیل به موسی عرض کرده، گفتند: «اینک فانی و هلاک می‌شویم. جمیع ما هلاک شده‌ایم! ۱۲ 12
Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera!
هرکه نزدیک می‌آید که به مسکن خداوندنزدیک می‌آید می‌میرد. آیا تمام فانی شویم؟» ۱۳ 13
Mpo, obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiae Ntamadan no bewu. Yɛn nyinaa rebewuwu ana?”

< اعداد 17 >