< یوشع 14 >

و اینهاست ملکهایی که بنی‌اسرائیل درزمین کنعان گرفتند، که العازار کاهن ویوشع بن نون و روسای آبای اسباط بنی‌اسرائیل برای ایشان تقسیم کردند. ۱ 1
Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no.
برحسب قرعه، ملکیت ایشان شد، برای نه سبط و نصف سبط، چنانکه خداوند به‌دست موسی‌امر فرموده بود. ۲ 2
Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea Awurade faa Mose so hyɛe no.
زیرا که موسی ملکیت دو سبط و نصف سبط رابه آن طرف اردن داده بود، امابه لاویان هیچ ملکیت در میان ایشان نداد. ۳ 3
Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw.
زیرا پسران یوسف دو سبط بودند، یعنی منسی و افرایم، و به لاویان هیچ قسمت در زمین ندادند، غیر از شهرها به جهت سکونت و اطراف آنها به جهت مواشی واموال ایشان. ۴ 4
Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi.
چنانکه خداوند موسی را امرفرموده بود، همچنان بنی‌اسرائیل عمل نموده، زمین را تسلیم کردند. ۵ 5
Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
آنگاه بنی یهودا در جلجال نزد یوشع آمدند، و کالیب بن یفنه قنزی وی را گفت: «سخنی را که خداوند به موسی، مرد خدا، درباره من و تو وقادش برنیع گفت می‌دانی. ۶ 6
Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no.
من چهل ساله بودم وقتی که موسی، بنده خداوند، مرا از قادش برنیع برای جاسوسی زمین فرستاد، و برای او خبر بازآوردم چنانکه در دل من بود. ۷ 7
Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa,
لیکن برادرانم که همراه من رفته بودند دل قوم را گداختند، و اما من یهوه خدای خود را به تمامی دل پیروی کردم. ۸ 8
nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Nyankopɔn akyi.
ودر آن روز موسی قسم خورد و گفت: البته زمینی که پای تو بر آن گذارده شد برای تو و اولادت ملکیت ابدی خواهد بود، زیرا که یهوه خدای مرابه تمامی دل پیروی نمودی. ۹ 9
Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’
و الان اینک خداوند چنانکه گفته بود این چهل و پنج سال مرازنده نگاه داشته است، از وقتی که خداوند این سخن را به موسی گفت هنگامی که اسرائیل دربیابان راه می‌رفتند، و الان، اینک من امروز هشتادو پنج ساله هستم. ۱۰ 10
“Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum.
و حال امروز قوت من باقی است مثل روزی که موسی مرا فرستاد، چنانکه قوت من در آن وقت بود، همچنان قوت من الان است، خواه برای جنگ کردن و خواه برای رفتن وآمدن. ۱۱ 11
Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no.
پس الان این کوه را به من بده که در آن روز خداوند درباره‌اش گفت، زیرا تو در آن روزشنیدی که عناقیان در آنجا بودند، و شهرهایش بزرگ و حصاردار است، شاید خداوند با من خواهد بود تا ایشان را بیرون کنم، چنانکه خداوند گفته است.» ۱۲ 12
Enti merebisa na wode bepɔw asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea Awurade kae no.”
پس یوشع او را برکت داد و حبرون را به کالیب بن یفنه به ملکیت بخشید. ۱۳ 13
Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade.
بنابراین حبرون تا امروز ملکیت کالیب بن یفنه قنزی شد، زیرا که یهوه خدای اسرائیل را به تمامی دل پیروی نموده بود. ۱۴ 14
Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade Israel Nyankopɔn akyi.
و قبل از آن نام حبرون، قریه اربع بود که او در میان عناقیان مرد بزرگ ترین بود. پس زمین از جنگ آرام گرفت. ۱۵ 15
Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi. Na akokoakoko fii asase no so.

< یوشع 14 >