< ارمیا 39 >

در ماه دهم از سال نهم صدقیاپادشاه یهودا، نبوکدرصر پادشاه بابل با تمامی لشکر خود بر اورشلیم آمده، آن را محاصره نمودند. ۱ 1
Yudahene Sedekia dii ade no, ne mfe akron mu, ɔsram a ɛto so du so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo nyinaa tuu Yerusalem so sa, wotuaa kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiae.
و در روز نهم ماه چهارم از سال یازدهم صدقیا در شهر رخنه کردند. ۲ 2
Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, wobubuu kuropɔn no afasu.
و تمام سروران پادشاه بابل داخل شده، در دروازه وسطی نشستند یعنی نرجل شراصر و سمجرنبو وسرسکیم رئیس خواجه‌سرایان و نرجل شراصررئیس مجوسیان و سایر سرداران پادشاه بابل. ۳ 3
Na Babiloniahene adwumayɛfo no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Pon hɔ: Nergal-Sareser a ofi Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panyin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw, ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa.
وچون صدقیا پادشاه یهودا و تمامی مردان جنگی این را دیدند فرار کرده، به راه باغ شاه از دروازه‌ای که در میان دو حصار بود در وقت شب از شهربیرون رفتند و (پادشاه ) به راه عربه رفت. ۴ 4
Bere a Yudahene Sedekia ne nʼasraafo nyinaa huu wɔn no, woguanee, wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
ولشکر کلدانیان ایشان را تعاقب نموده، در عربه اریحا به صدقیا رسیدند و او را گرفتار کرده، نزدنبوکدرصر پادشاه بابل به ربله در زمین حمات آوردند و او بر وی فتوی داد. ۵ 5
Nanso Babilonia asraafo no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tataw so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn.
و پادشاه بابل پسران صدقیا را پیش رویش در ربله به قتل رسانید و پادشاه بابل تمامی شرفای یهودا راکشت. ۶ 6
Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo mmapɔmma nyinaa nso.
و چشمان صدقیا را کور کرد و او را به زنجیرها بسته، به بابل برد. ۷ 7
Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
و کلدانیان خانه پادشاه و خانه های قوم را به آتش سوزانیدند وحصارهای اورشلیم را منهدم ساختند. ۸ 8
Babiloniafo no de ogya too ahemfi no ne nnipa no afi mu, na wodwiriw Yerusalem afasu no.
ونبوزردان رئیس جلادان، بقیه قوم را که در شهرباقی‌مانده بودند و خارجین را که بطرف او شده بودند و بقیه قوم را که مانده بودند به بابل به اسیری برد. ۹ 9
Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no de kuropɔn no mu nkae, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a wɔaka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.
لیکن نبوزردان رئیس جلادان فقیران قوم را که چیزی نداشتند در زمین یهودا واگذاشت وتاکستانها و مزرعه‌ها در آن روز به ایشان داد. ۱۰ 10
Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
و نبوکدرصر پادشاه بابل درباره ارمیا به نبوزردان رئیس جلادان امر فرموده، گفت: ۱۱ 11
Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho se,
«او را بگیر و به او نیک متوجه شده، هیچ اذیتی به وی مرسان بلکه هر‌چه به تو بگوید برایش بعمل آور.» ۱۲ 12
“Fa no na hwɛ no so; nhaw no na nea obisa biara no, yɛ ma no.”
پس نبوزردان رئیس جلادان و نبوشزبان رئیس خواجه‌سرایان و نرجل شراصر رئیس مجوسیان و سایر سروران پادشاه بابل فرستادند. ۱۳ 13
Enti ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano, Nebusaradan, adwumayɛfo panyin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa
و ارسال نموده، ارمیا را از صحن زندان برداشتند و او را به جدلیا ابن اخیقام بن شافان سپردند تا او را به خانه خود ببرد. پس در میان قوم ساکن شد. ۱۴ 14
soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo adiwo hɔ bae. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfo mu.
و چون ارمیا هنوز در صحن زندان محبوس بود، کلام خداوند بر وی نازل شده، گفت: ۱۵ 15
Bere a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn se,
«بروو عبدملک حبشی را خطاب کرده، بگو: یهوه صبایوت خدای اسرائیل چنین می‌فرماید: اینک کلام خود را بر این شهر به بلا وارد خواهم آورد ونه بخوبی و در آن روز در نظر تو واقع خواهد شد. ۱۶ 16
“Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek se, ‘Sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me nsɛm a etia kuropɔn yi, mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiyedi so ama aba mu. Saa bere no ɛbɛba mu wɔ wʼanim.
لیکن خداوند می‌گوید: من تو را در آن روزنجات خواهم داد و به‌دست کسانی که از ایشان می‌ترسی تسلیم نخواهی شد. ۱۷ 17
Nanso megye wo saa da no, Awurade na ose; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wusuro wɔn no nsa.
زیرا خداوندمی گوید که تو را البته رهایی خواهم داد و به شمشیر نخواهی افتاد، بلکه از این جهت که بر من توکل نمودی جان تو برایت غنیمت خواهد شد.» ۱۸ 18
Megye wo nkwa, na worentɔ wɔ afoa ano na mmom wubenya wo ti adidi mu, efisɛ wugye me di, Awurade, na ose.’”

< ارمیا 39 >