< ارمیا 24 >

و بعد از آنکه نبوکدرصر پادشاه بابل یکنیا ابن یهویاقیم پادشاه یهودا را باروسای یهودا و صنعتگران و آهنگران ازاورشلیم اسیر نموده، به بابل برد، خداوند دو سبدانجیر را که پیش هیکل خداوند گذاشته شده بودبه من نشان داد ۱ 1
Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakyin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfo, nʼadwumfo ne nʼatomfo a wɔwɔ Yuda fii Yerusalem kɔɔ nnommum mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim.
که در سبد اول، انجیر بسیار نیکومثل انجیر نوبر بود و در سبد دیگر انجیر بسیار بدبود که چنان زشت بود که نمی شود خورد. ۲ 2
Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ nea ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nye sɛ wodi mpo.
وخداوند مرا گفت: «ای ارمیا چه می‌بینی؟» گفتم: «انجیر. اما انجیرهای نیکو، بسیار نیکو است وانجیرهای بد بسیار بد است که از بدی آن رانمی توان خورد.» ۳ 3
Na Awurade bisaa me se, “Dɛn na wuhu, Yeremia?” Mibuae se, “Borɔdɔma, nea eye pa ara, ne nea enye mma sɛ wodi mpo.”
و کلام خداوند به من نازل شده، گفت: ۴ 4
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
«یهوه خدای اسرائیل چنین می‌گوید: مثل این انجیرهای خوب همچنان اسیران یهودا را که ایشان را از اینجا به زمین کلدانیان برای نیکویی فرستادم منظور خواهم داشت. ۵ 5
“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfo a wofi Yuda, wɔn a mitwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia asase so no.
و چشمان خودرا بر ایشان به نیکویی خواهم‌انداخت و ایشان را به این زمین باز خواهم آورد و ایشان را بنا کرده، منهدم نخواهم ساخت و غرس نموده، ریشه ایشان را نخواهم کند. ۶ 6
Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase.
و دلی به ایشان خواهم بخشید تا مرا بشناسند که من یهوه هستم و ایشان قوم من خواهند بود و من خدای ایشان خواهم بود، زیرا که به تمامی دل بسوی من بازگشت خواهند نمود.» ۷ 7
Mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
خداوند چنین می‌گوید: «مثل انجیرهای بدکه چنان بد است که نمی توان خورد، البته همچنان صدقیا پادشاه یهودا و روسای او و بقیه اورشلیم را که در این زمین باقی‌مانده‌اند و آنانی راکه در مصر ساکن‌اند تسلیم خواهم نمود. ۸ 8
“‘Nanso te sɛ borɔdɔma a enye no, nea enye sɛnea wodi mpo no,’ nea Awurade se ni, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne Yerusalem nkae no, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim.
وایشان را در تمامی ممالک زمین مایه تشویش وبلا و در تمامی مکان هایی که ایشان را رانده‌ام عارو ضرب‌المثل و مسخره و لعنت خواهم ساخت. ۹ 9
Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ.
و در میان ایشان شمشیر و قحط و وبا خواهم فرستاد تا از زمینی که به ایشان و به پدران ایشان داده‌ام نابود شوند.» ۱۰ 10
Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’”

< ارمیا 24 >