< اشعیا 2 >

کلامی که اشعیا ابن آموص درباره یهودا واورشلیم دید. ۱ 1
Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
و در ایام آخر واقع خواهد شد که کوه خانه خداوند برقله کوهها ثابت خواهد شد و فوق تلهابرافراشته خواهد گردید و جمیع امت‌ها بسوی آن روان خواهند شد. ۲ 2
Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
و قوم های بسیار عزیمت کرده، خواهند گفت: «بیایید تا به کوه خداوند و به خانه خدای یعقوب برآییم تا طریق های خویش را به ما تعلیم دهد و به راههای وی سلوک نماییم.» زیرا که شریعت از صهیون و کلام خداوند از اورشلیم صادر خواهد شد. ۳ 3
Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
و اوامت‌ها را داوری خواهد نمود و قوم های بسیاری را تنبیه خواهد کرد و ایشان شمشیرهای خود رابرای گاوآهن و نیزه های خویش را برای اره هاخواهند شکست و امتی بر امتی شمشیر نخواهدکشید و بار دیگر جنگ را نخواهند آموخت. ۴ 4
Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
‌ای خاندان یعقوب بیایید تا در نور خداوند سلوک نماییم. ۵ 5
Mommra. Yakob fifo, momma yɛnnantew Awurade hann mu.
زیرا قوم خود یعنی خاندان یعقوب را ترک کرده‌ای، چونکه از رسوم مشرقی مملو و مانندفلسطینیان فالگیر شده‌اند و با پسران غربا دست زده‌اند، ۶ 6
Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
و زمین ایشان از نقره و طلا پر شده وخزاین ایشان را انتهایی نیست، و زمین ایشان ازاسبان پر است و ارابه های ایشان را انتهایی نیست؛ ۷ 7
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademude dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
و زمین ایشان از بتها پر است؛ صنعت دستهای خویش را که به انگشتهای خود ساخته‌اند سجده می‌نمایند. ۸ 8
Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, nea wɔn nsateaa ayɛ.
و مردم خم شده و مردان پست می‌شوند. لهذا ایشان را نخواهی آمرزید. ۹ 9
Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
از ترس خداوند و از کبریای جلال وی به صخره داخل شده، خویشتن را در خاک پنهان کن. ۱۰ 10
Kɔhyɛn abotan no mu, fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
چشمان بلند انسان پست و تکبر مردان خم خواهد شد و در آن روز خداوند به تنهایی متعال خواهد بود. ۱۱ 11
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
زیرا که برای یهوه صبایوت روزی است که بر هرچیز بلند و عالی خواهد آمد و برهرچیز مرتفع، و آنها پست خواهد شد؛ ۱۲ 12
Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofo nyinaa ne nea ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
و برهمه سروهای آزاد بلند و رفیع لبنان و بر تمامی بلوطهای باشان؛ ۱۳ 13
Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn, ne Basan odum nnua no,
و بر همه کوههای عالی و برجمیع تلهای بلند؛ ۱۴ 14
mmepɔw atenten nyinaa ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,
و بر هربرج مرتفع و بر هرحصار منیع؛ ۱۵ 15
ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,
و برهمه کشتیهای ترشیش وبرهمه مصنوعات مرغوب؛ ۱۶ 16
aguadi hyɛn biara ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
و کبریای انسان خم شود و تکبر مردان پست خواهد شد. و در آن روز خداوند به تنهایی متعال خواهد بود، ۱۷ 17
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
وبتها بالکل تلف خواهند شد. ۱۸ 18
na ahoni no bɛyera korakora.
و ایشان به مغاره های صخره‌ها و حفره های خاک داخل خواهند شد، به‌سبب ترس خداوند وکبریای جلال وی هنگامی که او برخیزد تا زمین را متزلزل سازد. ۱۹ 19
Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuru a ɛdeda asase mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
در آن روز مردمان، بتهای نقره و بتهای طلای خود را که برای عبادت خویش ساخته‌اند، نزد موش کوران و خفاشها خواهندانداخت، ۲۰ 20
Saa da no, nnipa bɛtow wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akisi ne mpan.
تا به مغاره های صخره‌ها و شکافهای سنگ خارا داخل شوند، به‌سبب ترس خداوند و کبریای جلال وی هنگامی که او برخیزد تا زمین را متزلزل سازد. ۲۱ 21
Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu ne abotan mpaapae mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
شما از انسانی که نفس او دربینی‌اش می‌باشد دست برکشید زیرا که او به چه چیز محسوب می‌شود؟ ۲۲ 22
Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so. Wɔyɛ dɛn koraa?

< اشعیا 2 >