< حَجّای 1 >

در روز اول ماه ششم از سال دوم داریوش پادشاه، کلام خداوند به واسطه حجی نبی وبه زربابل بن شالتیئیل والی یهودا و به یهوشع بن یهوصادق رئیس کهنه رسیده، گفت: ۱ 1
Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua.
یهوه صبایوت تکلم نموده، چنین می‌فرماید: این قوم می‌گویند وقت آمدن ما یعنی وقت بنا نمودن خانه خداوند نرسیده است. ۲ 2
Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’”
پس کلام خداوند به واسطه حجی نبی نازل شده، گفت: ۳ 3
Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so:
آیا وقت شماست که شما در خانه های مسقف خود ساکن شوید و این خانه خراب بماند؟ ۴ 4
“Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?”
پس حال یهوه صبایوت چنین می‌گوید دل خود را به راههای خویش مشغول سازید. ۵ 5
Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.
بسیار کاشته‌اید و اندک حاصل می‌کنید. می‌خورید اما سیر نمی شوید ومی نوشید لیکن سیراب نمی گردید. (رخت )می پوشید اما گرم نمی شوید و آنکه مزد می‌گیرد، مزد خویش را در کیسه سوراخ دار می‌گذارد. ۶ 6
Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.”
پس یهوه صبایوت چنین می‌گوید: دل خود را به راههای خود مشغول سازید. ۷ 7
Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.
به کوه برآمده وچوب آورده، خانه را بنا نمایید و خداوندمی گوید: از آن راضی شده، جلال خواهم یافت. ۸ 8
Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka.
منتظر بسیار بودید و اینک کم شد و چون آن رابه خانه آوردید من بر آن دمیدم. یهوه صبایوت می‌پرسد که سبب این چیست؟ سبب این است که خانه من خراب می‌ماند و هرکدام از شما به خانه خویش می‌شتابید. ۹ 9
“Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no.
از این سبب، آسمانها بخاطر شما از شبنم باز داشته می‌شود و زمین ازمحصولش بازداشته می‌گردد. ۱۰ 10
Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae.
و من بر زمین وبر کوهها و بر غله و عصیر انگور و روغن زیتون وبر هر‌آنچه زمین می‌رویاند و بر انسان و بهایم وتمامی مشقت های دستها خشکسالی را خواندم.» ۱۱ 11
Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”
آنگاه زربابل بن شالتیئیل و یهوشع بن یهوصادق رئیس کهنه و تمامی بقیه قوم به قول یهوه خدای خود و به کلام حجی نبی چنانکه یهوه خدای ایشان او را فرستاده بود گوش دادند، و قوم از خداوند ترسیدند. ۱۲ 12
Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.
و حجی، رسول خداوند، پیغام خداوند را برای قوم بیان کرده، گفت: خداوند می‌گوید که من با شما هستم. ۱۳ 13
Na Hagai, Awurade somafo no, de saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade se.
وخداوند روح زربابل بن شالتیئیل والی یهودا وروح یهوشع بن یهوصادق، رئیس کهنه، و روح تمامی بقیه قوم را برانگیزانید تا بروند و در خانه یهوه صبایوت خدای خود به‌کار پردازند. ۱۴ 14
Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase,
درروز بیست و چهارم ماه ششم از سال دوم داریوش پادشاه، این واقع شد. ۱۵ 15
wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no.

< حَجّای 1 >