< عزرا 9 >

و بعد از تمام شدن این وقایع، سروران نزدمن آمده، گفتند: «قوم اسرائیل و کاهنان ولاویان خویشتن را از امت های کشورها جدانکرده‌اند بلکه موافق رجاسات ایشان، یعنی کنعانیان و حتیان و فرزیان و یبوسیان و عمونیان وموآبیان و مصریان و اموریان (رفتار نموده اند). ۱ 1
Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ yɛ no akyi.
زیرا که از دختران ایشان برای خود و پسران خویش زنان گرفته و ذریت مقدس را با امت های کشورها مخلوط کرده‌اند و دست روسا و حاکمان در این خیانت مقدم بوده است.» ۲ 2
Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho fɔ kɛseɛ.”
پس چون این سخن را شنیدم، جامه و ردای خود را چاک زدم و موی سر و ریش خود را کندم و متحیر نشستم. ۳ 3
Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu, tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so.
آنگاه، همه آنانی که به‌سبب این عصیان اسیران، از کلام خدای اسرائیل می‌ترسیدند، نزد من جمع شدند و من تا وقت هدیه شام، متحیر نشستم. ۴ 4
Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ wɔ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ.
و در وقت هدیه شام، از تذلل خود برخاستم وبا لباس و ردای دریده، به زانو درآمدم و دست خود را بسوی یهوه خدای خویش برافراشتم. ۵ 5
Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn.
و گفتم: «ای خدای من، خجالت دارم و از بلند کردن روی خود بسوی توای خدایم شرم دارم، زیرا گناهان ما بالای سر مازیاده شده، و تقصیرهای ما تا به آسمان عظیم گردیده است. ۶ 6
Mebɔɔ mpaeɛ sɛ: “Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro.
ما از ایام پدران خود تا امروزمرتکب تقصیرهای عظیم شده‌ایم و ما وپادشاهان و کاهنان ما به‌سبب گناهان خویش، به‌دست پادشاهان کشورها به شمشیر و اسیری وتاراج و رسوایی تسلیم گردیده‌ایم، چنانکه امروزشده است. ۷ 7
Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.
و حال اندک زمانی لطف از جانب یهوه خدای ما بر ما ظاهر شده، مفری برای ماواگذاشته است و ما را در مکان مقدس خودمیخی عطا فرموده است و خدای ما چشمان ما راروشن ساخته، اندک حیات تازه‌ای در حین بندگی ما به ما بخشیده است. ۸ 8
“Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu.
زیرا که ما بندگانیم، لیکن خدای ما، ما را در حالت بندگی ترک نکرده است، بلکه ما را منظور پادشاهان فارس گردانیده، حیات تازه به ما بخشیده است تا خانه خدای خود را بنانماییم و خرابیهای آن را تعمیر کنیم و ما را دریهودا و اورشلیم قلعه‌ای بخشیده است. ۹ 9
Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem.
وحال‌ای خدای ما بعد از این چه گوییم، زیرا که اوامر تو را ترک نموده‌ایم. ۱۰ 10
“Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri sɛ, yɛapo wo mmaransɛm bio.
که آنها را به‌دست بندگان خود انبیا امر فرموده و گفته‌ای که آن زمینی که شما برای تصرف آن می‌روید، زمینی است که از نجاسات امت های کشورها نجس شده است و آن را به رجاسات و نجاسات خویش، از سر تا سر مملو ساخته‌اند. ۱۱ 11
Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire.
پس الان، دختران خود را به پسران ایشان مدهید ودختران ایشان را برای پسران خود مگیرید و سلامتی و سعادتمندی ایشان را تا به ابد مطلبید تاقوی شوید و نیکویی آن زمین را بخورید و آن رابرای پسران خود به ارثیت ابدی واگذارید. ۱۲ 12
Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ.
وبعد از همه این بلایایی که به‌سبب اعمال زشت وتقصیرهای عظیم ما بر ما وارد شده است، با آنکه تو‌ای خدای ما، ما را کمتر از گناهان ما عقوبت رسانیده‌ای و چنین خلاصی‌ای به ما داده‌ای، ۱۳ 13
“Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ.
آیا می‌شود که ما بار دیگر اوامر تو را بشکنیم وبا امت هایی که مرتکب این رجاسات شده‌اند، مصاهرت نماییم؟ و آیا تو بر ما غضب نخواهی نمود و ما را چنان هلاک نخواهی ساخت که بقیتی و نجاتی باقی نماند؟ ۱۴ 14
Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre.
‌ای یهوه خدای اسرائیل تو عادل هستی چونکه بقیتی از ما مثل امروزناجی شده‌اند، اینک ما به حضور تو درتقصیرهای خویش حاضریم، زیرا کسی نیست که به‌سبب این کارها، در حضور تو تواند ایستاد.» ۱۵ 15
Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”

< عزرا 9 >