< حزقیال 40 >

در سال بیست و پنجم اسیری ما درابتدای سال، در دهم ماه که سال چهاردهم بعد از تسخیر شهر بوده، در همان روزدست خداوند بر من نازل شده، مرا به آنجا برد. ۱ 1
Yɛn nnommumfa afe a ɛto so aduonu anum, afe no mfiase, ɔsram da a ɛto so du a ɛyɛ kuropɔn no asehwe afe a ɛto so dunan no, saa da no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ.
در رویاهای خدا مرا به زمین اسرائیل آورد. ومرا بر کوه بسیار بلند قرار داد که بطرف جنوب آن مثل بنای شهر بود. ۲ 2
Onyankopɔn anisoadehu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so; nʼanafo fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn bi.
و چون مرا به آنجا آورد، اینک مردی که نمایش او مثل نمایش برنج بود ودر دستش ریسمانی از کتان و نی برای پیمودن بود و نزد دروازه ایستاده بود. ۳ 3
Ɔde me kɔɔ hɔ na mihuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafrae; na ogyina ɔpon no ano, kura sirikyi hama ne susudua wɔ ne nsam.
آن مرد مرا گفت: «ای پسر انسان به چشمان خود ببین و به گوشهای خویش بشنو و دل خود را به هرچه به تو نشان دهم، مشغول ساز زیرا که تو را در اینجا آوردم تااین چیزها را به تو نشان دهم. پس خاندان اسرائیل را از هر‌چه می‌بینی آگاه ساز.» ۴ 4
Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a mɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyi, efisɛ ɛno nti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wubehu no kyerɛ Israelfi.”
و اینک حصاری بیرون خانه گرداگردش بود. و به‌دست آن مرد نی پیمایش شش ذراعی بود که هر ذراعش یک ذراع و یک قبضه بود. پس عرض بنا را یک نی و بلندیش را یک نی پیمود. ۵ 5
Mihuu ɔfasu a atwa asɔredan no afefare mu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn du ne fa. Osusuw ɔfasu no huu sɛ mu piw yɛ anammɔn du ne fa, na ne sorokɔ nso saa ara.
پس نزددروازه‌ای که بسوی مشرق متوجه بود آمده، به پله هایش برآمد. و آستانه دروازه را پیمود که عرضش یک نی بود و عرض آستانه دیگر را که یک نی بود. ۶ 6
Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw yɛ susudua no baako.
و طول هر غرفه یک نی بود وعرضش یک نی. و میان غرفه‌ها مسافت پنج ذراع. و آستانه دروازه نزد رواق دروازه از طرف اندرون یک نی بود. ۷ 7
Awɛmfo adan no mu biara tenten mu yɛ susudua baako na ne trɛw mu nso saa ara, afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ntwironoo a anim kyerɛ asɔredan no abobow ano pon no trɛw yɛ susudua baako.
و رواق دروازه را از طرف اندرون یک نی پیمود. ۸ 8
Afei osusuw ɔpon no ntwironoo;
پس رواق دروازه را هشت ذراع واسبرهایش را دو ذراع پیمود. و رواق دروازه بطرف اندرون بود. ۹ 9
na ne tenten mu yɛ anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw yɛ anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no.
و حجره های دروازه بطرف شرقی، سه از اینطرف و سه از آنطرف بود. و هرسه را یک پیمایش و اسبرها را از اینطرف وآنطرف یک پیمایش بود. ۱۰ 10
Na awɛmfo adan abiɛsa wɔ apuei pon no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛse yɛ pɛ na afasu ntiantia a etwitwa ntam no nso mu piw yɛ pɛ.
و عرض دهنه دروازه را ده ذراع و طول دروازه را سیزده ذراع پیمود. ۱۱ 11
Afei osusuw abɔntenpon no ano kwan, na ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa.
و محجری پیش روی حجره‌ها ازاینطرف یک ذراع و محجری از آنطرف یک ذراع و حجره‌ها از این طرف شش ذراع و از آنطرف شش ذراع بود. ۱۲ 12
Awɛmfo adan no mu biara anim wɔ ɔfasu tiaa a ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa.
و عرض دروازه را از سقف یک حجره تا سقف دیگری بیست و پنج ذراع پیمود. و دروازه در مقابل دروازه بود. ۱۳ 13
Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
و اسبرهاراشصت ذراع ساخت و رواق گرداگرد دروازه به اسبرها رسید. ۱۴ 14
Osusuw faa afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɔpon kwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Nteɛmu no kosii ntwironoo a anim hwɛ adiwo hɔ no.
و پیش دروازه مدخل تا پیش رواق دروازه اندرونی پنجاه ذراع بود. ۱۵ 15
Ɔkwan a efi abɔntenpon abobow ano kosi ntwironoo no ti yɛ anammɔn aduɔson anum.
وحجره‌ها و اسبرهای آنها را به اندرون دروازه پنجره های مشبک بهر طرف بود و همچنین رواقها را. و پنجره‌ها بطرف اندرون گرداگرد بود وبر اسبرها نخلها بود. ۱۶ 16
Awɛmfo adan ne afasu ntiantia a etwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpon kwan no mu no, na bammɔ mfɛnsere nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwironoo no mu te, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasu ntiatia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no, wɔaduadua mmɛ wɔ anim fɛfɛɛfɛ.
پس مرا به صحن بیرونی آورد و اینک اطاقها و سنگ فرشی که برای صحن از هر طرفش ساخته شده بود. و سی اطاق بر آن سنگ فرش بود. ۱۷ 17
Afei ɔde me baa adiwo a ɛda akyi hɔ no. Ɛhɔ na mihuu adan bi ne nsɛwee bi a ɛwɔ adiwo no fasu ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ nsɛwee no ho.
و سنگ فرش یعنی سنگ فرش پائینی به‌جانب دروازه‌ها یعنی به اندازه طول دروازه‌ها بود. ۱۸ 18
Na nsɛwee no pem apon no nkyɛn mu, na na ɛtrɛw sɛnea apon no tenten te; eyi ne ase nsɛwee no.
و عرضش را از برابر دروازه پایینی تا پیش صحن اندرونی از طرف بیرون صد ذراع به سمت مشرق و سمت شمال پیمود. ۱۹ 19
Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum wɔ apuei ne atifi fam.
و طول و عرض دروازه‌ای را که رویش بطرف شمال صحن بیرونی بود پیمود. ۲۰ 20
Afei osusuw ɔpon a ani hwɛ atifi fam na epue mfikyiri adiwo no tenten ne ne trɛw.
و حجره هایش سه ازاینطرف و سه از آنطرف و اسبرهایش ورواقهایش موافق پیمایش دروازه اول بود. طولش پنجاه ذراع و عرضش بیست و پنج ذراع. ۲۱ 21
Na awɛmfo adan a abiɛsa wɔ afaafa, afasu ntiaa a etwitwa wɔn ntam ne ntwironoo no afefare mu te sɛ ɔpon a edi kan no de. Ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
و پنجره هایش و رواقهایش و نخلهایش موافق پیمایش دروازه‌ای که رویش به سمت مشرق است بود. و به هفت پله به آن برمی آمدند ورواقهایش پیش روی آنها بود. ۲۲ 22
Na ne mfɛnsere nketenkete ne ntwironoo ne mmedua a ɔde asiesie hɔ no no nsusuwii nyinaa te sɛ ɔpon a ani hwɛ apuei fam de no. Atrapoe na wɔforo de kɔ mu, atrapoe no ne ntwironoo no di nhwɛanim.
و صحن اندرونی را دروازه‌ای در مقابل دروازه دیگربطرف شمال و بطرف مشرق بود. و از دروازه تادروازه صد ذراع پیمود. ۲۳ 23
Na ɔpon bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte wɔ apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
پس مرا بطرف جنوب برد. و اینک دروازه‌ای به سمت جنوب و اسبرهایش ورواقهایش را مثل این پیمایشها پیمود. ۲۴ 24
Afei odii mʼanim de me kɔɔ anafo fam, na mihuu ɔpon a ani hwɛ anafo fam no. Osusuw nʼadum ne ntwironoo na na nʼatenten te sɛ nkae no.
و برای آن و برای رواقهایش پنجره‌ها مثل آن پنجره هاگرداگردش بود. و طولش پنجاه ذراع و عرضش بیست و پنج ذراع بود. ۲۵ 25
Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te sɛ mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten yɛ anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anan.
وزینه های آن هفت پله داشت. و رواقش پیش آنها بود. و آن را نخلهایکی از اینطرف و دیگری از آنطرف براسبرهایش بود. ۲۶ 26
Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo kɔ ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni wɔ afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu.
و صحن اندرونی بطرف جنوب دروازه‌ای داشت و از دروازه تا دروازه به سمت جنوب صد ذراع پیمود. ۲۷ 27
Na mfimfini no adiwo nso wɔ ɔpon a ani hwɛ anafo fam, na osusuw ɔkwan a ɛda saa ɔpon yi ne abɔntenpon a ɛwɔ anafo fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
و مرا از دروازه جنوبی به صحن اندرونی آورد. و دروازه جنوبی را مثل این پیمایشها پیمود. ۲۸ 28
Afei ɔde me faa anafo fam pon no mu baa mfimfini adiwo hɔ. Osusuw anafo fam pon no; na ne tenten nyinaa te sɛ nea aka no.
و حجره هایش واسبرهایش و رواقهایش موافق این پیمایشها بود. و در آن و در رواقهایش پنجره‌ها گرداگردش بودو طولش پنجاه ذراع و عرضش بیست و پنج ذراع بود. ۲۹ 29
Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no nsusuwii ne nea aka no yɛ pɛ. Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ne ntwironoo no ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
و طول رواقی که گرداگردش بود بیست وپنج ذراع و عرضش پنج ذراع بود. ۳۰ 30
(Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten yɛ anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa.)
و رواقش به صحن بیرونی می‌رسید. و نخلها بر اسبرهایش بودو زینه‌اش هشت پله داشت. ۳۱ 31
Ne ntwironoo hwɛ afikyiri adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
پس مرا به صحن اندرونی به سمت مشرق آورد. و دروازه را مثل این پیمایشها پیمود. ۳۲ 32
Afei, ɔde me baa mfimfini adiwo hɔ wɔ apuei fam na osusuw ɔpon no; na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ.
وحجره هایش و اسبرهایش و رواقهایش موافق این پیمایشها بود. و درآن و در رواقهایش پنجره‌ها برهر طرفش بود و طولش پنجاه ذراع و عرضش بیست و پنج ذراع بود. ۳۳ 33
Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no tenten ne nea aka no yɛ pɛ. Na hɔ apon no ne ne ntwironoo nyinaa wowɔ mfɛnsere nketenkete. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
و رواقهایش بسوی صحن بیرونی و نخلها بر اسبرهایش از این طرف وآنطرف بود و زینه‌اش هفت پله داشت. ۳۴ 34
Ne ntwironoo hwɛ mfimfini adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
و مرا به دروازه شمالی آورد و آن را مثل این پیمایشهاپیمود. ۳۵ 35
Afei ɔde me baa atifi fam pon no ano na osusuwii. Na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ,
و حجره هایش و اسبرهایش ورواقهایش را نیز. و پنجره‌ها گرداگردش بود وطولش پنجاه ذراع و عرضش بیست و پنج ذراع بود. ۳۶ 36
saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te sɛ nkae no, na mfɛnsere nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
و اسبرهایش بسوی صحن بیرونی بود. ونخلها بر اسبرهایش از اینطرف و از آنطرف بود وزینه‌اش هشت پله داشت. ۳۷ 37
Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
و نزد اسبرهای دروازه‌ها اطاقی بادروازه‌اش بود که در آن قربانی های سوختنی رامی شستند. ۳۸ 38
Ɔdan bi a ɔpon da ano bɛn ntwironoo a ɛwowɔ apon a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho, hɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔrebɔde ho.
و در رواق دروازه دو میز ازاینطرف و دو میز از آن طرف بود تا بر آنهاقربانی های سوختنی و قربانی های گناه وقربانی های جرم را ذبح نمایند. ۳۹ 39
Apon abien sisi abɔntenpon ntwironoo no mu, na so na wokunkum ɔhyew afɔre, bɔne afɔre ne afɔdi afɔre mmoa.
و به یک جانب از طرف بیرون نزد زینه دهنه دروازه شمالی دومیز بود. و به‌جانب دیگر که نزد رواق دروازه بوددو میز بود. ۴۰ 40
Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano hɔ.
چهار میز از اینطرف و چهار میز ازآنطرف به پهلوی دروازه بود یعنی هشت میز که بر آنها ذبح می‌کردند. ۴۱ 41
Ɛno nti na apon anan sisi ɔpon no afa abien no fa biara; ne nyinaa yɛ apon awotwe a so na wokum afɔrebɔ mmoa.
و چهار میز برای قربانی های سوختنی از سنگ تراشیده بود که طول هر یک یک ذراع و نیم و عرضش یک ذراع ونیم و بلندیش یک ذراع بود و بر آنها آلاتی را که به آنها قربانی های سوختنی و ذبایح را ذبح می‌نمودند، می‌نهادند. ۴۲ 42
Na abo a wɔatwa no apon anan nso wɔ hɔ ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten yɛ anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde yɛ ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu.
و کناره های یک قبضه قد در اندرون از هر طرف نصب بود و گوشت قربانی‌ها بر میزها بود. ۴۳ 43
Na kɔtɔkoro nta adinam a emu biara tenten yɛ nsateaakwaa abiɛsa sensɛn afasu no nyinaa ho. Apon no so na wɔde afɔrebɔ nam gu.
و بیرون دروازه اندرونی، اطاقهای مغنیان در صحن اندرونی به پهلوی دروازه شمالی بود وروی آنها به سمت جنوب بود و یکی به پهلوی دروازه مشرقی که رویش بطرف شمال می‌بودبود. ۴۴ 44
Mfimfini pon no akyi wɔ mfimfini adiwo no, na adan abien wɔ; baako bɛn atifi fam pon a ani hwɛ anafo fam, na baako nso bɛn anafo fam pon a ani kyerɛ atifi fam.
و او مرا گفت: «این اطاقی که رویش به سمت جنوب است، برای کاهنانی که ودیعت خانه را نگاه می‌دارند می‌باشد. ۴۵ 45
Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɔdan a ɛwɔ anafo fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ asɔredan no so no dea,
و اطاقی که رویش به سمت شمال است، برای کاهنانی که ودیعت مذبح را نگاه می‌دارند می‌باشد. اینانندپسران صادوق از بنی لاوی که نزدیک خداوندمی آیند تا او را خدمت نمایند.» ۴۶ 46
Na ɔdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Eyinom yɛ Sadok mmabarima a wɔn nko ara ne Lewifo a wotumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.”
و طول صحن را صد ذراع پیمود و عرضش را صد ذراع و آن مربع بود و مذبح در برابر خانه بود. ۴۷ 47
Afei wosusuw adiwo no. Na ɛyɛ ahinanan a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum. Na afɔremuka no si asɔredan no anim.
و مرا به رواق خانه آورد. و اسبرهای رواق را پنج ذراع از اینطرف و پنج ذراع از آنطرف پیمود. و عرض دروازه را سه ذراع از اینطرف وسه ذراع از آنطرف. ۴۸ 48
Afei ɔde me baa asɔredan no ntwironoo mu, na osusuw ntwironoo no afadum, na ɔfa biara trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Na abobow ano no trɛw yɛ anammɔn aduonu baako ne fa. Na afasu ntiaa a epuepue ho no trɛw yɛ anammɔn anan ne fa wɔ ɔfa biara.
و طول رواق بیست ذراع وعرضش یازده ذراع. و نزد زینه‌اش که از آن برمی آمدند، دو ستون نزد اسبرها یکی از اینطرف و دیگری از آنطرف بود. ۴۹ 49
Ntwironoo no trɛw yɛ anammɔn aduasa, na efi anim kosi akyi no yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atrapoe ntoatoaso bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na afadum sisi ntwironoo no fa biara.

< حزقیال 40 >