< استر 4 >

و چون مردخای از هرآنچه شده بود اطلاع یافت، مردخای جامه خود را دریده، پلاس با خاکستر در بر کرد و به میان شهر بیرون رفته، به آواز بلند فریاد تلخ برآورد. ۱ 1
Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu.
و تاروبروی دروازه پادشاه آمد، زیرا که جایز نبود که کسی با لباس پلاس داخل دروازه پادشاه بشود. ۲ 2
Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri sɛ wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu.
و در هر ولایتی که امر و فرمان پادشاه به آن رسید، یهودیان را ماتم عظیمی و روزه و گریه ونوحه گری بود و بسیاری در پلاس و خاکسترخوابیدند. ۳ 3
Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.
پس کنیزان و خواجه‌سرایان استر آمده، اورا خبر دادند و ملکه بسیار محزون شد و لباس فرستاد تا مردخای را بپوشانند و پلاس او را ازوی بگیرند، اما او قبول نکرد. ۴ 4
Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ.
آنگاه استر، هتاک را که یکی از خواجه‌سرایان پادشاه بود و او را به جهت خدمت وی تعیین نموده بود، خواند و او راامر فرمود که از مردخای بپرسد که این چه امراست و سببش چیست. ۵ 5
Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.
پس هتاک به سعه شهرکه پیش دروازه پادشاه بود، نزد مردخای بیرون رفت. ۶ 6
Enti, Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ adwaberem a ɛwɔ ahemfie no ɛpono ano.
و مردخای او را از هرچه به او واقع شده واز مبلغ نقره‌ای که هامان به جهت هلاک ساختن یهودیان وعده داده بود که آن را به خزانه پادشاه بدهد، خبر داد. ۷ 7
Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛgu adehyeɛ fotoɔ no mu, nam so de atɔre Yudafoɔ no ase.
و سواد نوشته فرمان را که درشوشن به جهت هلاکت ایشان صادر شده بود، به او داد تا آن را به استر نشان دهد و وی را مخبرسازد و وصیت نماید که نزد پادشاه داخل شده، ازاو التماس نماید و به جهت قوم خویش از وی درخواست کند. ۸ 8
Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ.
پس هتاک داخل شده، سخنان مردخای را به استر بازگفت. ۹ 9
Enti, Hatak sane kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no.
و استر هتاک را جواب داده، او راامر فرمود که به مردخای بگوید ۱۰ 10
Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsane mfa nkra nkɔma Mordekai sɛ,
که «جمیع خادمان پادشاه و ساکنان ولایتهای پادشاه می‌دانند که به جهت هرکس، خواه مرد و خواه زن که نزد پادشاه به صحن اندرونی بی‌اذن داخل شود، فقط یک حکم است که کشته شود، مگرآنکه پادشاه چوگان زرین را بسوی او دراز کند تازنده بماند. و سی روز است که من خوانده نشده‌ام که به حضور پادشاه داخل شوم.» ۱۱ 11
“Ewiase nyinaa nim sɛ, obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye sɛ, ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”
پس سخنان استر را به مردخای باز‌گفتند. ۱۲ 12
Enti, Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.
و مردخای گفت به استر جواب دهید: «در دل خود فکر مکن که تو در خانه پادشاه به خلاف سایر یهود، رهایی خواهی یافت. ۱۳ 13
Mordekai nso de saa mmuaeɛ yi maa Ɛster sɛ, “Ɛnsusu da biara da sɛ, sɛ wɔkunkum Yudafoɔ no nyinaa a, wobɛnya wo tiri adidi mu wɔ ahemfie hɔ.
بلکه اگر در این وقت تو ساکت بمانی، راحت و نجات برای یهود از جای دیگر پدید خواهد شد. اما تو وخاندان پدرت هلاک خواهید گشت و کیست بداند که به جهت چنین وقت به سلطنت نرسیده‌ای.» ۱۴ 14
Na sɛ woyɛ komm wɔ ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa wɔ ahemfie.”
پس استر فرمود به مردخای جواب دهید ۱۵ 15
Na Ɛster de mmuaeɛ yi kɔmaa Mordekai sɛ,
که «برو و تمامی یهود را که در شوشن یافت می‌شوند جمع کن و برای من روزه گرفته، سه شبانه‌روز چیزی مخورید و میاشامید و من نیز باکنیزانم همچنین روزه خواهیم داشت. و به همین طور، نزد پادشاه داخل خواهم شد، اگر‌چه خلاف حکم است. و اگر هلاک شدم، هلاک شدم.» ۱۶ 16
“Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.”
پس مردخای رفته، موافق هرچه استر وی را وصیت کرده بود، عمل نمود. ۱۷ 17
Enti, Mordekai kɔyɛɛ sɛdeɛ Ɛster ka kyerɛɛ no no.

< استر 4 >