< دوم سموئیل 20 >

و اتفاق مرد بلیعال، مسمی به شبع بن بکری بنیامینی در آنجا بود و کرنا رانواخته، گفت که «ما را در داود حصه‌ای نیست، وبرای ما در پسر یسا نصیبی نی، ای اسرائیل! هرکس به خیمه خود برود.» ۱ 1
Ntɔkwapɛni bi a wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ɔfiri Benyamin babarima, hyɛnee totorobɛnto teaam sɛ, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
و تمامی مردان اسرائیل از متابعت داود به متابعت شبع ابن بکری برگشتند، اما مردان یهودا از اردن تا اورشلیم، پادشاه را ملازمت نمودند. ۲ 2
Enti, Israel mmarima gyaa Dawid hɔ, kɔdii Seba akyi. Nanso, Yuda mmarima no deɛ, wɔtenaa wɔn ɔhene nkyɛn, na wɔwowaa no firi Asubɔnten Yordan ho, kɔsii Yerusalem.
و داود به خانه خود در اورشلیم آمد، وپادشاه ده زن متعه را که برای نگاهبانی خانه خودگذاشته بود، گرفت و ایشان را در خانه محروس نگاه داشته، پرورش داد، اما نزد ایشان داخل نشدو ایشان تا روز مردن در حالت بیوگی محبوس بودند. ۳ 3
Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafoɔ, kɔsii ne wuda.
و پادشاه به عماسا گفت: «مردان یهودا را درسه روز نزد من جمع کن و تو در اینجا حاضر شو.» ۴ 4
Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda akodɔm ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa ɛberɛ no mu.
پس عماسا رفت تا یهودا را جمع کند، اما اززمانی که برایش تعیین نموده بود تاخیر کرد. ۵ 5
Enti, Amasa kɔbɔɔ akodɔm no amaneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
وداود به ابیشای گفت: «الان شبع بن بکری بیشتر ازابشالوم به ما ضرر خواهد رسانید؛ پس بندگان آقایت را برداشته، او را تعاقب نما مبادا شهرهای حصاردار برای خود پیدا کند و از نظر ما رهایی یابد.» ۶ 6
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene sɛ deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa wɔ abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no.”
و کسان یوآب و کریتیان و فلیتیان و جمیع شجاعان از عقب او بیرون رفتند، و به جهت تعاقب نمودن شبع بن بکری از اورشلیم روانه شدند. ۷ 7
Enti, Abisai ne Yoab yiyii awɛmfoɔ a wɔdi mu firii Yoab akodɔm ne ɔhene no ankasa deɛ mu de tii Seba.
و چون ایشان نزد سنگ بزرگی که درجبعون است رسیدند، عماسا به استقبال ایشان آمد. و یوآب ردای جنگی دربرداشت و بر آن بندشمشیری که در غلافش بود، بر کمرش بسته، و چون می‌رفت شمشیر از غلاف افتاد. ۸ 8
Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu.
و یوآب به عماسا گفت: «ای برادرم آیا به سلامت هستی؟» ویوآب ریش عماسا را به‌دست راست خود گرفت تا او را ببوسد. ۹ 9
Yoab bisaa no sɛ, “Me nua, wo ho te sɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, sɛ deɛ ɔrefe nʼano.
و عماسا به شمشیری که دردست یوآب بود، اعتنا ننمود. پس او آن را به شکمش فرو برد که احشایش به زمین ریخت و اورا دوباره نزد و مرد. ۱۰ 10
Amasa anhunu sɛ akofena no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de akofena no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab bɛtia ne so koraa, na Amasa wuiɛ. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaa no hɔ, toaa so tii Bikri babarima Seba.
و یکی از خادمان یوآب نزدوی ایستاده، گفت: «هرکه یوآب را می‌خواهد وهرکه به طرف داود است، در عقب یوآب بیاید.» ۱۱ 11
Yoab akodɔm no mu aberanteɛ a ɔyɛ panin wɔ akodɔm no so no mu baako teaam kyerɛɛ Amasa akodɔm no sɛ, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ɔmmɛdi Yoab akyi.”
و عماسا در میان راه در خونش می‌غلطید، وچون آن شخص دید که تمامی قوم می‌ایستند، عماسا را از میان راه در صحرا کشید و لباسی بر اوانداخت زیرا دید که هر‌که نزدش می‌آید، می‌ایستد. ۱۲ 12
Amasa daa ne mogyabura mu, wɔ ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu sɛ akodɔm no aduru hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so.
پس چون از میان راه برداشته شد، جمیع مردان در عقب یوآب رفتند تا شبع بن بکری را تعاقب نمایند. ۱۳ 13
Wɔyii Amasa firii ɛkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
و او از جمیع اسباط اسرائیل تا آبل و تا بیت معکه و تمامی بیریان عبور کرد، و ایشان نیز جمع شده، او را متابعت کردند. ۱۴ 14
Saa ɛberɛ no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fiefoɔ Bikrifoɔ ano wɔ Abel-Bet-Maaka.
و ایشان آمده، او رادر آبل بیت معکه محاصره نمودند و پشته‌ای دربرابر شهر ساختند که در برابر حصار برپا شد، وتمامی قوم که با یوآب بودند، حصار را می‌زدند تاآن را منهدم سازند. ۱۵ 15
Yoab akodɔm no duruu hɔ no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie wɔ kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ sɛ wɔdwiri guo.
و زنی حکیم از شهر صدادرداد که بشنوید: «به یوآب بگویید: اینجا نزدیک بیا تا با تو سخن گویم.» ۱۶ 16
Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu sɛ, “Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ, ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”
و چون نزدیک وی شد، زن گفت که «آیا تو یوآب هستی؟» او گفت: «من هستم.» وی را گفت: «سخنان کنیز خود را بشنو.» او گفت: «می‌شنوم.» ۱۷ 17
Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Ɔbuaa sɛ, “Aane.” Ɔkaa sɛ, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Ɔbuaa sɛ, “Meretie.”
پس زن متکلم شده، گفت: «در زمان قدیم چنین می‌گفتند که هرآینه درآبل می‌باید مشورت بجویند و همچنین هر امری را ختم می‌کردند. ۱۸ 18
Ɔkaa sɛ, “Tete no, na yɛka sɛ ‘Yɛrekɔpɛ afotuo wɔ Abel.’
من در اسرائیل سالم و امین هستم و تو می‌خواهی شهری و مادری را دراسرائیل خراب کنی، چرا نصیب خداوند را بالکل هلاک می‌کنی؟» ۱۹ 19
Yɛpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kuro a adi nokorɛ wɔ Israel. Adɛn enti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
پس یوآب در جواب گفت: «حاشا از من حاشا از من! که هلاک یا خراب نمایم. ۲۰ 20
Yoab buaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn.
کار چنین نیست بلکه شخصی مسمی به شبع بن بکری از کوهستان افرایم دست خود را برداود پادشاه بلند کرده است. او را تنها بسپارید واز نزد شهر خواهم رفت.» زن در جواب یوآب گفت: «اینک سر او را از روی حصار نزد توخواهند انداخت.» ۲۱ 21
Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.”
پس آن زن به حکمت خودنزد تمامی قوم رفت و ایشان سر شبع بن بکری رااز تن جدا کرده، نزد یوآب انداختند و او کرنا رانواخته، ایشان از نزد شهر، هر کس به خیمه خودمتفرق شدند. و یوآب به اورشلیم نزد پادشاه برگشت. ۲۲ 22
Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
و یوآب، سردار تمامی لشکر اسرائیل بود، و بنایاهو ابن یهویاداع سردار کریتیان و فلیتیان بود. ۲۳ 23
Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin.
و ادورام سردار باجگیران و یهوشافاط بن اخیلود وقایع نگار، ۲۴ 24
Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm.
و شیوا کاتب و صادوق وابیاتار، کاهن بودند، ۲۵ 25
Na Sewa yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfoɔ.
و عیرای یائیری نیز کاهن داود بود. ۲۶ 26
Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid ɔsɔfoɔ.

< دوم سموئیل 20 >