< دوم پادشاهان 25 >

و واقع شد که نبوکدنصر، پادشاه بابل، باتمامی لشکر خود در روز دهم ماه دهم از سال نهم سلطنت خویش بر اورشلیم برآمد، ودر مقابل آن اردو زده، سنگری گرداگردش بنانمود. ۱ 1
Ɔbosome Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛtɔ so dunum wɔ Sedekia ahennie mfeɛ nkron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakodɔm nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wɔtwaa kuropɔn no ho hyiaeɛ. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasuo ho.
و شهر تا سال یازدهم صدقیای پادشاه، محاصره شد. ۲ 2
Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
و در روز نهم آن ماه، قحطی درشهر چنان سخت شد که برای اهل زمین نان نبود. ۳ 3
Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa.
پس در شهر رخنه‌ای ساختند و تمامی مردان جنگی در شب از راه دروازه‌ای که در میان دوحصار، نزد باغ پادشاه بود، فرار کردند. و کلدانیان به هر طرف در مقابل شهر بودند (و پادشاه ) به راه عربه رفت. ۴ 4
Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
و لشکر کلدانیان، پادشاه را تعاقب نموده، در بیابان اریحا به او رسیدند و تمامی لشکرش از او پراکنده شدند. ۵ 5
Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no.
پس پادشاه راگرفته، او را نزد پادشاه بابل به ربله آوردند و بر اوفتوی دادند. ۶ 6
Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn.
و پسران صدقیا را پیش رویش به قتل رسانیدند و چشمان صدقیا را کندند و او را به دو زنجیر بسته، به بابل آوردند. ۷ 7
Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
و در روز هفتم ماه پنجم از سال نوزدهم نبوکدنصر پادشاه، سلطان بابل، نبوزرادان، رئیس جلادان، خادم پادشاه بابل، به اورشلیم آمد. ۸ 8
Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.
وخانه خداوند و خانه پادشاه را سوزانید و همه خانه های اورشلیم و هر خانه بزرگ را به آتش سوزانید. ۹ 9
Ɔhyee Awurade Asɔredan ne ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa. Adan pa a ɛwɔ kuropɔn no mu no, ɔsɛee ne nyinaa.
و تمامی لشکر کلدانیان که همراه رئیس جلادان بودند، حصارهای اورشلیم را به هر طرف منهدم ساختند. ۱۰ 10
Awɛmfoɔ so panin no hwɛ maa Babilonia akodɔm no bubuu Yerusalem afasuo no.
و نبوزرادان، رئیس جلادان، بقیه قوم را که در شهر باقی‌مانده بودند وخارجین را که به طرف پادشاه بابل شده بودند وبقیه جمعیت را به اسیری برد. ۱۱ 11
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo.
اما رئیس جلادان بعضی از مسکینان زمین را برای باغبانی وفلاحی واگذاشت. ۱۲ 12
Na awɛmfoɔ so panin no maa mmɔborɔfoɔ no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ a ɛka ho no so.
و کلدانیان ستونهای برنجینی که در خانه خداوند بود و پایه‌ها و دریاچه برنجینی را که درخانه خداوند بود، شکستند و برنج آنها را به بابل بردند. ۱۳ 13
Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia.
و دیگها و خاک اندازها و گلگیرها وقاشقها و تمامی اسباب برنجینی را که با آنهاخدمت می‌کردند، بردند. ۱۴ 14
Wɔtasee nkukuo, sofi, nkanea akapɛ, nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa.
و مجمرها و کاسه هایعنی طلای آنچه را که از طلا بود و نقره آنچه را که از نقره بود، رئیس جلادان برد. ۱۵ 15
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
اما دو ستون و یک دریاچه و پایه هایی که سلیمان آنها را برای خانه خداوند ساخته بود، وزن برنج همه این اسباب بی‌اندازه بود. ۱۶ 16
Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.
بلندی یک ستون هجده ذراع و تاج برنجین بر سرش و بلندی تاج سه ذراع بود و شبکه و انارهای گرداگرد روی تاج، همه ازبرنج بود و مثل اینها برای ستون دوم بر شبکه‌اش بود. ۱۷ 17
Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no.
و رئیس جلادان، سرایا، رئیس کهنه، وصفنیای کاهن دوم و سه مستحفظ در را گرفت. ۱۸ 18
Awɛmfoɔ so panin no kyekyeree ɔsɔfopanin Seraia, nʼabadiakyire Sefania ne apono ano sohwɛfoɔ mpanimfoɔ baasa sɛ nneduafoɔ.
و سرداری که بر مردان جنگی گماشته شده بودو پنج نفر را از آنانی که روی پادشاه را می‌دیدند ودر شهر یافت شدند و کاتب سردار لشکر را که اهل ولایت را سان می‌دید، و شصت نفر از اهل زمین را که در شهر یافت شدند، از شهر گرفت. ۱۹ 19
Nnipa a na wɔakɔtetɛ no mu nso, ɔkyeree Yuda asraadɔm no mu panin baako, ɔhene no ankasa afotufoɔ baanum, asraadɔm sahene no twerɛfoɔ panin a na ɔfa nnipa wɔ adwuma mu ne ɔmanfoɔ aduosia.
و نبوزرادان رئیس جلادان، ایشان را برداشته، به ربله، نزد پادشاه بابل برد. ۲۰ 20
Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla.
و پادشاه بابل، ایشان را در ربله در زمین حمات زده، به قتل رسانید. پس یهودا از ولایت خود به اسیری رفتند. ۲۱ 21
Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.
و اما قومی که در زمین یهودا باقی ماندند ونبوکدنصر، پادشاه بابل ایشان را رها کرده بود، پس جدلیا ابن اخیقام بن شافان را بر ایشان گماشت. ۲۲ 22
Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nana no sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa Yuda no so.
و چون تمامی سرداران لشکر بامردان ایشان شنیدند که پادشاه بابل، جدلیا راحاکم قرار داده است، ایشان نزد جدلیا به مصفه آمدند، یعنی اسماعیل بن نتنیا و یوحنان بن قاری و سرایا ابن تنحومت نطوفاتی و یازنیا ابن معکاتی با کسان ایشان. ۲۳ 23
Ɛberɛ a asraadɔm asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ɔfiri Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa.
و جدلیا برای ایشان و برای کسان ایشان قسم خورده، به ایشان گفت: «از بندگان کلدانیان مترسید. در زمین ساکن شوید وپادشاه بابل را بندگی نمایید و برای شما نیکوخواهد بود.» ۲۴ 24
Gedalia dii nse, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanimfoɔ no amma hɔ ɔhaw so. Ɔtuu wɔn fo sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie.”
اما در ماه هفتم واقع شد که اسماعیل بن نتنیا ابن الیشمع که از ذریت پادشاه بود، به اتفاق ده نفر آمدند و جدلیا را زدند که بمردو یهودیان و کلدانیان را نیز که با او در مصفه بودند(کشتند). ۲۵ 25
Tisri bosome (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nana a na ɔfiri adehyeɛ abusua mu no de mmarima edu kɔɔ Mispa, kɔkumm Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafoɔ ne Babiloniafoɔ no nyinaa.
و تمامی قوم، چه خرد و چه بزرگ، و سرداران لشکرها برخاسته، به مصر رفتند زیراکه از کلدانیان ترسیدند. ۲۶ 26
Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi.
و در روز بیست و هفتم ماه دوازدهم از سال سی و هفتم اسیری یهویاکین، پادشاه یهودا، واقع شد که اویل مرودک، پادشاه بابل، درسالی که پادشاه شد، سر یهویاکین، پادشاه یهودا را از زندان برافراشت. ۲۷ 27
Ɔhene Yehoiakyin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
و با اوسخنان دلاویز گفت و کرسی او را بالاتر ازکرسیهای سایر پادشاهانی که با او در بابل بودند، گذاشت. ۲۸ 28
Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.
و لباس زندانی او را تبدیل نمود و او در تمامی روزهای عمرش همیشه درحضور وی نان می‌خورد. ۲۹ 29
Enti Yehoiakyin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara, kɔsii ne wu da.
و برای معیشت اووظیفه دائمی، یعنی قسمت هر روز در روزش، در تمامی ایام عمرش از جانب پادشاه به او داده می‌شد. ۳۰ 30
Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da.

< دوم پادشاهان 25 >