< دوم پادشاهان 16 >

در سال هفدهم فقح بن رملیا، آحاز بن یوتام، پادشاه یهودا آغاز سلطنت نمود. ۱ 1
Bere a ɔhene Peka adi hene wɔ Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bedii ade wɔ Yuda.
و آحاز بیست ساله بود که پادشاه شد و شانزده سال در اورشلیم سلطنت نمود و آنچه در نظریهوه خدایش شایسته بود، موافق پدرش داودعمل ننمود. ۲ 2
Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no.
و نه فقط به راه پادشاهان اسرائیل سلوک نمود، بلکه پسر خود را نیز از آتش گذرانید، موافق رجاسات امتهایی که خداوند، ایشان را از حضور بنی‌اسرائیل اخراج نموده بود. ۳ 3
Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma Awurade a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no.
و در مکان های بلند و تلها و زیر هر درخت سبزقربانی می‌گذرانید و بخور می‌سوزانید. ۴ 4
Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
آنگاه رصین، پادشاه ارام، و فقح بن رملیا، پادشاه اسرائیل، به اورشلیم برای جنگ برآمده، آحاز را محاصره نمودند اما نتوانستند غالب آیند. ۵ 5
Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim.
در آن وقت رصین، پادشاه ارام، ایلت رابرای ارامیان استرداد نمود و یهود را از ایلت اخراج نمود و ارامیان به ایلت داخل شده، تاامروز در آن ساکن شدند. ۶ 6
Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi.
و آحاز رسولان نزدتغلت فلاسر، پادشاه آشور، فرستاده، گفت: «من بنده تو و پسر تو هستم. پس برآمده، مرا از دست پادشاه ارام و از دست پادشاه اسرائیل که به ضدمن برخاسته‌اند، رهایی ده.» ۷ 7
Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, “Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam.”
و آحاز، نقره وطلایی را که در خانه خداوند و در خزانه های خانه پادشاه یافت شد، گرفته، آن را نزد پادشاه آشور پیشکش فرستاد. ۸ 8
Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfi hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no.
پس پادشاه آشور، وی را اجابت نمود و پادشاه آشور به دمشق برآمده، آن را گرفت و اهل آن را به قیر به اسیری برد ورصین را به قتل رسانید. ۹ 9
Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin.
و آحاز پادشاه برای ملاقات تغلت فلاسر، پادشاه آشور، به دمشق رفت و مذبحی را که دردمشق بود، دید و آحاز پادشاه شبیه مذبح و شکل آن را بر‌حسب تمامی صنعتش نزد اوریای کاهن فرستاد. ۱۰ 10
Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria.
و اوریای کاهن مذبحی موافق آنچه آحاز پادشاه از دمشق فرستاده بود، بنا کرد، واوریای کاهن تا وقت آمدن آحاز پادشاه از دمشق، آن را همچنان ساخت. ۱۱ 11
Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie.
و چون پادشاه ازدمشق آمد، پادشاه مذبح را دید. و پادشاه به مذبح نزدیک آمده، برآن قربانی گذرانید. ۱۲ 12
Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre.
و قربانی سوختنی و هدیه آردی خود را سوزانید و هدیه ریختنی خویش را ریخت و خون ذبایح سلامتی خود را بر مذبح پاشید. ۱۳ 13
Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so.
و مذبح برنجین را که پیش خداوند بود، آن را از روبروی خانه، از میان مذبح خود و خانه خداوند آورده، آن را به طرف شمالی آن مذبح گذاشت. ۱۴ 14
Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii Awurade Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam.
و آحاز پادشاه، اوریای کاهن را امر فرموده، گفت: «قربانی سوختنی صبح و هدیه آردی شام و قربانی سوختنی پادشاه و هدیه آردی او را با قربانی سوختنی تمامی قوم زمین و هدیه آردی ایشان وهدایای ریختنی‌ایشان بر مذبح بزرگ بگذران، وتمامی خون قربانی سوختنی و تمامی خون ذبایح را بر آن بپاش اما مذبح برنجین برای من باشد تامسالت نمایم.» ۱۵ 15
Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, “Bɔ anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho wɔ so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma.”
پس اوریای کاهن بر وفق آنچه آحاز پادشاه امر فرموده بود، عمل نمود. ۱۶ 16
Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
و آحاز پادشاه، حاشیه پایه‌ها را بریده، حوض را از آنها برداشت و دریاچه را از بالای گاوان برنجینی که زیر آن بودند، فرود آورد و آن را بر سنگ فرشی گذاشت. ۱۷ 17
Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so.
و رواق سبت را که در خانه بنا کرده بودند و راهی را که پادشاه ازبیرون به آن داخل می‌شد، در خانه خداوند به‌خاطر پادشاه آشور تغییر داد. ۱۸ 18
Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ wɔ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no fii hɔ.
و بقیه اعمال آحاز که کرد، آیا در کتاب تواریخ ایام پادشاهان یهودا مکتوب نیست. ۱۹ 19
Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
پس آحاز با پدران خودخوابید و با پدران خویش در شهر داود دفن شد وپسرش حزقیا در جایش پادشاه شد. ۲۰ 20
Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade sɛ ɔhene.

< دوم پادشاهان 16 >