< دوم تواریخ 23 >

و در سال هفتم، یهویاداع خویشتن راتقویت داده، بعضی از سرداران صده یعنی عزریا ابن یهورام و اسماعیل بن یهوحانان وعزریا ابن عوبید و معسیا ابن عدایا و الیشافاط بن زکری را با خود همداستان ساخت. ۱ 1
Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam.
و ایشان دریهودا گردش کردند و لاویان را از جمیع شهرهای یهودا و روسای آبای اسرائیل را جمع کرده، به اورشلیم آمدند. ۲ 2
Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem.
و تمامی جماعت با پادشاه درخانه خدا عهد بستند. و او به ایشان گفت: «هماناپسر پادشاه سلطنت خواهد کرد، چنانکه خداونددرباره پسران داود گفته است. ۳ 3
Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene.
و کاری که بایدبکنید این است: یک ثلث از شما که از کاهنان ولاویان در سبت داخل می‌شوید دربانهای آستانه‌ها باشید. ۴ 4
Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo.
و ثلث دیگر به خانه پادشاه وثلثی به دروازه اساس و تمامی قوم در صحنهای خانه خداوند حاضر باشند. ۵ 5
Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adiwo ahorow hɔ.
و کسی غیر ازکاهنان و لاویانی که به خدمت مشغول می‌باشند، داخل خانه خداوند نشود، اما ایشان داخل بشوند زیرا که مقدسند و تمامی قوم (خانه ) خداوند را حراست نمایند. ۶ 6
Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyiri.
و لاویان هرکس سلاح خود را به‌دست گرفته، پادشاه را از هرطرف احاطه نمایند و هر‌که به خانه درآید، کشته شود و چون پادشاه داخل شود یا بیرون رود، شما نزد او بمانید.» ۷ 7
Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
پس لاویان و تمامی یهودا موافق هر‌چه یهویاداع کاهن امر فرمود عمل نمودند، و هر کدام کسان خود را خواه از آنانی که در روز سبت داخل می‌شدند و خواه از آنانی که در روز سبت بیرون می‌رفتند، برداشتند زیرا که یهویاداع کاهن فرقه هارا مرخص نفرمود. ۸ 8
Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie.
و یهویاداع کاهن نیزه‌ها ومجنها و سپرها را که از آن داود پادشاه و در خانه خدا بود، به یوزباشیها داد. ۹ 9
Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no.
و تمامی قوم را که هر یک از ایشان سلاح خود را به‌دست گرفته بودند، از طرف راست خانه تا طرف چپ خانه به پهلوی مذبح و خانه، به اطراف پادشاه قرار داد. ۱۰ 10
Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae.
و پسر پادشاه را بیرون آورده، تاج را بر سرش گذاشتند و شهادت نامه را به او داده، او را به پادشاهی نصب کردند، و یهویاداع و پسرانش، اورا مسح نموده، گفتند: «پادشاه زنده بماند.» ۱۱ 11
Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
اما چون عتلیا آواز قوم را که می‌دویدند وپادشاه را مدح می‌کردند شنید، نزد قوم به خانه خداوند داخل شد. ۱۲ 12
Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi.
و دید که اینک پادشاه به پهلوی ستون خود نزد مدخل ایستاده است، وسروران و کرنانوازان نزد پادشاه می‌باشند وتمامی قوم زمین شادی می‌کنند و کرناها رامی نوازند و مغنیان با آلات موسیقی و پیشوایان تسبیح. آنگاه عتلیا لباس خود را دریده، صدا زدکه «خیانت، خیانت!» ۱۳ 13
Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
و یهویاداع کاهن، یوزباشیها را که سرداران فوج بودند امر فرموده، به ایشان گفت: «او را از میان صفها بیرون کنید، وهر‌که از عقب او برود، به شمشیر کشته شود.» زیرا کاهن فرموده بود که او را در خانه خداوندمکشید. ۱۴ 14
Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.”
پس او را راه دادند و چون به دهنه دروازه اسبان، نزد خانه پادشاه رسید، او را درآنجا کشتند. ۱۵ 15
Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
و یهویاداع در میان خود و تمامی قوم وپادشاه، عهد بست تا قوم خداوند باشند. ۱۶ 16
Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo.
وتمامی قوم به خانه بعل رفته، آن را منهدم ساختندو مذبح هایش و تماثیلش را شکستند و کاهن بعل متان را روبه‌روی مذبحها کشتند. ۱۷ 17
Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim.
و یهویاداع باشادمانی و نغمه سرایی برحسب امر داود، وظیفه های خانه خداوند را به‌دست کاهنان ولاویان سپرد، چنانکه داود ایشان را بر خانه خداوند تقسیم کرده بود تا موافق آنچه در تواره موسی مکتوب است، قربانی های سوختنی خداوند را بگذرانند. ۱۸ 18
Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii Awurade Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no.
و دربانان را به دروازه های خانه خداوند قرار داد تا کسی‌که به هر جهتی نجس باشد، داخل نشود. ۱۹ 19
Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii Awurade Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu.
ویوزباشیها و نجبا و حاکمان قوم و تمامی قوم زمین را برداشت و پادشاه را از خانه خداوند به زیر آورد و او را از دروازه اعلی به خانه پادشاه درآورده، او را بر کرسی سلطنت نشانید. ۲۰ 20
Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so.
وتمامی قوم زمین شادی کردند و شهر آرامی یافت و عتلیا را به شمشیر کشتند. ۲۱ 21
Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia.

< دوم تواریخ 23 >