< במדבר 20 >

ויבאו בני ישראל כל העדה מדבר צן בחדש הראשון וישב העם בקדש ותמת שם מרים ותקבר שם 1
Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no.
ולא היה מים לעדה ויקהלו על משה ועל אהרן 2
Na nsu a wɔbɛnom nni hɔ nti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron.
וירב העם עם משה ויאמרו לאמר ולו גוענו בגוע אחינו לפני יהוה 3
Nnipa no ne Mose hamee se, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ.
ולמה הבאתם את קהל יהוה אל המדבר הזה למות שם אנחנו ובעירנו 4
Adɛn nti na mode Awurade man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu?
ולמה העליתנו ממצרים להביא אתנו אל המקום הרע הזה לא מקום זרע ותאנה וגפן ורמון ומים אין לשתות 5
Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”
ויבא משה ואהרן מפני הקהל אל פתח אהל מועד ויפלו על פניהם וירא כבוד יהוה אליהם 6
Mose ne Aaron fii dɔm no hɔ kɔɔ Ahyiae Ntamadan no ano de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim; na wohuu Awurade anuonyam.
וידבר יהוה אל משה לאמר 7
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
קח את המטה והקהל את העדה אתה ואהרן אחיך ודברתם אל הסלע לעיניהם ונתן מימיו והוצאת להם מים מן הסלע והשקית את העדה ואת בעירם 8
“Fa abaa no na wo ne wo nua Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan no na nsu befi mu aba. Mubenya wɔn nsu a ɛbɛso wɔn ne wɔn anantwi afi ɔbotan no mu!”
ויקח משה את המטה מלפני יהוה כאשר צוהו 9
Mose yɛɛ nea Awurade hyɛe no. Ɔfaa abaa no fii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim.
ויקהלו משה ואהרן את הקהל--אל פני הסלע ויאמר להם שמעו נא המרים--המן הסלע הזה נוציא לכם מים 10
Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?”
וירם משה את ידו ויך את הסלע במטהו--פעמים ויצאו מים רבים ותשת העדה ובעירם 11
Afei Mose maa ne nsa so de abaa no bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsu bebree fii mu ba maa nnipa no ne wɔn anantwi nomee.
ויאמר יהוה אל משה ואל אהרן יען לא האמנתם בי להקדישני לעיני בני ישראל--לכן לא תביאו את הקהל הזה אל הארץ אשר נתתי להם 12
Nanso Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Esiane sɛ moannya me mu ahotoso anhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ Israelfo no ani so nti, moremfa wɔn nkɔ asase a mede rema wɔn no so.”
המה מי מריבה אשר רבו בני ישראל את יהוה ויקדש בם 13
Wɔfrɛɛ beae hɔ Meriba a ase ne: Atuatew Nsu, efisɛ ɛhɔ ne baabi a Israelfo tew Awurade atua, na ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔkronkron.
וישלח משה מלאכים מקדש אל מלך אדום כה אמר אחיך ישראל אתה ידעת את כל התלאה אשר מצאתנו 14
Mose somaa abɔfo fii Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no se: “Sɛɛ na wo nua Israelfo reka: Wunim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu no nyinaa.
וירדו אבתינו מצרימה ונשב במצרים ימים רבים וירעו לנו מצרים ולאבתינו 15
Yɛn agyanom kɔtenaa Misraim, yɛtenaa hɔ mfe bebree. Misraimfo no yɛɛ yɛne yɛn agyanom ayayade,
ונצעק אל יהוה וישמע קלנו וישלח מלאך ויצאנו ממצרים והנה אנחנו בקדש עיר קצה גבולך 16
nanso yesu frɛɛ Awurade no, otiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfo ma obeyii yɛn fii Misraim. “Mprempren yɛwɔ Kades wɔ mo asase hye so.
נעברה נא בארצך לא נעבר בשדה ובכרם ולא נשתה מי באר דרך המלך נלך לא נטה ימין ושמאול עד אשר נעבר גבלך 17
Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.”
ויאמר אליו אדום לא תעבר בי--פן בחרב אצא לקראתך 18
Nanso Edomhene buae se, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede asraafo ne afoa betua mo ano!”
ויאמרו אליו בני ישראל במסלה נעלה ואם מימיך נשתה אני ומקני ונתתי מכרם רק אין דבר ברגלי אעברה 19
Israelfo no buae se, “Owura, yɛbɛfa ɔtempɔn no so. Sɛ yɛn nyɛmmoa nom mo nsu a, yebetua ka. Yɛpɛ sɛ yetwa mu wɔ mo asase so na yenni adwemmɔne bi.”
ויאמר לא תעבר ויצא אדום לקראתו בעם כבד וביד חזקה 20
Nanso Edomhene buae se, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakofo ano de wɔn kɔɔ ɔhye no so.
וימאן אדום נתן את ישראל עבר בגבלו ויט ישראל מעליו 21
Esiane sɛ Edom amma wɔn kwan amma Israelfo no amfa wɔn man mu no nti, wɔman faa nkyɛn.
ויסעו מקדש ויבאו בני ישראל כל העדה הר ההר 22
Israelfo no nyinaa fii Kades kɔɔ Bepɔw Hor so.
ויאמר יהוה אל משה ואל אהרן בהר ההר על גבול ארץ אדום לאמר 23
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor a ɛwɔ Edom hye so no se,
יאסף אהרן אל עמיו כי לא יבא אל הארץ אשר נתתי לבני ישראל--על אשר מריתם את פי למי מריבה 24
“Bere adu sɛ Aaron wu, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfo no so bi, efisɛ mo baanu no tew mʼahyɛde ho atua wɔ Meriba nsu no ho.
קח את אהרן ואת אלעזר בנו והעל אתם הר ההר 25
Fa Aaron ne ne babarima Eleasar kɔ Bepɔw Hor so.
והפשט את אהרן את בגדיו והלבשתם את אלעזר בנו ואהרן יאסף ומת שם 26
Ɛhɔ na wubeyi Aaron asɔfotade no de ahyɛ ne babarima Eleasar. Ɛhɔ na Aaron bewu na watoa nʼagyanom.”
ויעש משה כאשר צוה יהוה ויעלו אל הר ההר לעיני כל העדה 27
Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔw Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn.
ויפשט משה את אהרן את בגדיו וילבש אתם את אלעזר בנו וימת אהרן שם בראש ההר וירד משה ואלעזר מן ההר 28
Mose yii Aaron asɔfotade no de hyɛɛ ne babarima Eleasar, na Aaron wuu wɔ bepɔw no apampam. Na Mose ne Eleasar san fii bepɔw no so bae,
ויראו כל העדה כי גוע אהרן ויבכו את אהרן שלשים יום כל בית ישראל 29
na nnipa no tee Aaron wu no, Israelfo no suu no adaduasa.

< במדבר 20 >