< Josua 18 >

1 Und es versammelte sich die ganze Gemeinde der Kinder Israel gen Silo und richteten daselbst auf die Hütte des Stifts, und das Land war ihnen unterworfen.
Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wɔsii hyiadan.
2 Und es waren noch sieben Stämme der Kinder Israel, denen sie ihr Erbteil nicht ausgeteilt hatten.
Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.
3 Und Josua sprach zu den Kinder Israel: Wie lange seid ihr so laß, daß ihr nicht hingeht, das Land einzunehmen, das euch der HERR, euer Väter Gott, gegeben hat?
Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no?
4 Schafft euch aus jeglichem Stamm drei Männer, daß ich sie sende und sie sich aufmachen und durchs Land gehen und es aufschreiben nach ihren Erbteilen und zu mir kommen.
Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no.
5 Teilt das Land in sieben Teile. Juda soll bleiben auf seiner Grenze von Mittag her, und das Haus Josephs soll bleiben auf seiner Grenze von Mitternacht her.
Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho.
6 Ihr aber schreibt die sieben Teile der Lande auf und bringt sie zu mir hierher, so will ich euch das Los werfen hier vor dem HERRN, unserm Gott.
Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara.
7 Denn die Leviten haben kein Teil unter euch, sondern das Priestertum des HERRN ist ihr Erbteil. Gad aber und Ruben und der halbe Stamm Manasse haben ihr Teil genommen jenseit des Jordans, gegen Morgen, das ihnen Mose, der Knecht Gottes, gegeben hat.
Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.”
8 Da machten sich die Männer auf, daß sie hingingen; und Josua gebot ihnen, da sie hin wollten gehen, das Land aufzuschreiben, und sprach: Gehet hin und durchwandelt das Land und schreibt es auf und kommt wieder zu mir, daß ich euch hier das Los werfe vor dem HERRN zu Silo.
Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.”
9 Also gingen die Männer hin und durchzogen das Land und schrieben es auf in einen Brief nach den Städten in sieben Teile und kamen zu Josua ins Lager gen Silo.
Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ.
10 Da warf Josua das Los über sie zu Silo vor dem HERRN und teilte daselbst das Land aus unter die Kinder Israel, einem jeglichen sein Teil.
Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.
11 Und das Los des Stammes der Kinder Benjamin fiel nach ihren Geschlechtern, und die Grenze ihres Loses ging aus zwischen den Kindern Juda und den Kindern Joseph.
Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.
12 Und ihre Grenze war an der Seite gegen Mitternacht vom Jordan an und geht herauf an der Mitternachtseite Jerichos und kommt aufs Gebirge abendwärts und geht aus nach der Wüste Beth-Aven
Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam.
13 und geht von da gen Lus, an der Seite her an Lus mittagwärts, das ist Beth-El, und kommt hinab gen Ataroth-Adar an den Berg, der gegen Mittag liegt von dem niederen Beth-Horon.
Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam.
14 Darnach neigt sie sich und lenkt sich um zur Seite des Abends gegen Mittag von dem Berge an, der vor Beth-Horon mittagswärts liegt, und endet an Kirjath-Baal, das ist Kirjath-Jearim, die Stadt der Kinder Juda. Das ist die Seite gegen Abend.
Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ.
15 Aber die Seite gegen Mittag ist von Kirjath-Jearim an und geht aus gegen Abend und kommt hinaus zum Wasserbrunnen Nephthoa
Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho,
16 und geht herab an des Berges Ende, der vor dem Tal des Sohnes Hinnoms liegt, am Grunde Rephaim gegen Mitternacht, und geht durchs Tal Hinnom an der Mittagseite des Jebusiters und kommt hinab zum Brunnen Rogel
na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel.
17 und zieht sich mitternachtwärts und kommt hinaus gen En-Semes und kommt hinaus gen Geliloth, das gegenüber der Steige Adummim liegt, und kommt herab zum Stein Bohans, des Sohnes Rubens,
Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima).
18 und geht zur Seite hin neben dem Gefilde, das gegen Mitternacht liegt, und kommt hinab aufs Gefilde
Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu,
19 und geht an der Seite Beth-Hoglas, das gegen Mitternacht liegt, und ihr Ende ist an der Zunge des Salzmeers gegen Mitternacht, an dem Ende des Jordans gegen Mittag. Das ist die Mittagsgrenze.
ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ.
20 Aber die Seite gegen Morgen soll der Jordan enden. Das ist das Erbteil der Kinder Benjamin in ihren Grenzen umher nach ihren Geschlechtern.
Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
21 Die Städte aber des Stammes der Kinder Benjamin nach ihren Geschlechtern sind diese: Jericho, Beth-Hogla, Emek-Keziz,
Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi: Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis,
22 Beth-Araba, Zemaraim, Beth-El,
Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El,
23 Avvim, Happara, Ophra,
Awim, Para ne Ofra,
24 Kaphar-Ammonai, Ophni, Geba. Das sind zwölf Städte und ihre Dörfer.
Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ.
25 Gibeon Rama, Beeroth,
Gibeon, Rama ne Beerot,
26 Mizpe, Kaphira, Moza,
Mispa, Kefira ne Mosa,
27 Rekem, Jerpeel, Thareala,
Rekem, Yirpeel ne Tarala,
28 Zela, Eleph und die Jebusiter, das ist Jerusalem, Gibeath, Kirjath. Vierzehn Städte und ihre Dörfer. Das ist das Erbteil der Kinder Benjamin nach ihren Geschlechtern.
Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.

< Josua 18 >