< Psalm 96 >

1 Dem Herrn zu Ehren singt ein neues Lied! Dem Herrn lobsinge alle Welt!
Monto dwom foforɔ mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade.
2 Lobsingt dem Herrn; lobpreiset seinen Namen! Von Meer zu Meer tut kund sein Heil!
Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.
3 Verkündet bei den Heiden seinen Ruhm, bei allen Völkern seine Wunder,
Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
4 ist doch der Herr so groß und lobesam, vor allen Göttern ehrfurchtswert!
Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.
5 Der Völker Götter sind ja alle Götzen; des Himmels Schöpfer ist der Herr.
Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.
6 Vor ihn mit Glanz und Herrlichkeit! Mit Macht und Pracht zu seinem Heiligtum!
Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
7 So bringt dem Herrn, ihr Völkerscharen, herbei bringt Pracht und Macht dem Herrn!
Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
8 So bringt dem Herrn zu seines Namens Ehre Gaben! Betretet mit Geschenken seine Vorhöfe!
Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.
9 Werft vor den Herrn euch hin mit Schmuck fürs Heiligtum! Vor ihm erzittere die ganze Welt!
Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
10 Den Heiden rufet zu: "Der Herr ist König. Darum steht die Welt und wanket nimmer. Er richtet Völker in Gerechtigkeit."
Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.
11 Der Himmel freue sich! Die Erde jauchze, das Meer und was darin, erbrause!
Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;
12 Die Flur frohlocke auch mit allem, was darauf! Die Waldesbäume alle jubeln vor dem Herrn:
momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;
13 "Er kommt, er kommt, der Erde Richter. Er richtet nach Gerechtigkeit die Welt und die Nationen unparteiisch."
wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.

< Psalm 96 >