< Luke 8 >

1 And it came to pass thereafter, that he was going through every city and village, preaching and proclaiming good news of the reign of God, and the twelve [are] with him,
Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm.
2 and certain women, who were healed of evil spirits and infirmities, Mary who is called Magdalene, from whom seven demons had gone forth,
Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no,
3 and Joanna wife of Chuza, steward of Herod, and Susanna, and many others, who were ministering to him from their substance.
ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.
4 And a great multitude having gathered, and those who from city and city were coming unto him, he spake by a simile:
Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ,
5 'The sower went forth to sow his seed, and in his sowing some indeed fell beside the way, and it was trodden down, and the fowls of the heaven did devour it.
“Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ.
6 'And other fell upon the rock, and having sprung up, it did wither, through not having moisture.
Ebi nso kɔguu abotan so, enti ɛfifiriiɛ no, ankyɛre na ne nyinaa hyeeɛ, ɛfiri sɛ, annya nsuo.
7 'And other fell amidst the thorns, and the thorns having sprung up with it, did choke it.
Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ.
8 'And other fell upon the good ground, and having sprung up, it made fruit an hundred fold.' These things saying, he was calling, 'He having ears to hear — let him hear.'
Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”
9 And his disciples were questioning him, saying, 'What may this simile be?'
Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no,
10 And he said, 'To you it hath been given to know the secrets of the reign of God, and to the rest in similes; that seeing they may not see, and hearing they may not understand.
ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’
11 'And this is the simile: The seed is the word of God,
“Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.
12 and those beside the way are those hearing, then cometh the Devil, and taketh up the word from their heart, lest having believed, they may be saved.
Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ.
13 'And those upon the rock: They who, when they may hear, with joy do receive the word, and these have no root, who for a time believe, and in time of temptation fall away.
Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba.
14 'And that which fell to the thorns: These are they who have heard, and going forth, through anxieties, and riches, and pleasures of life, are choked, and bear not to completion.
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.
15 'And that in the good ground: These are they, who in an upright and good heart, having heard the word, do retain [it], and bear fruit in continuance.
Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.
16 'And no one having lighted a lamp doth cover it with a vessel, or under a couch doth put [it]; but upon a lamp-stand he doth put [it], that those coming in may see the light,
“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.
17 for nothing is secret, that shall not become manifest, nor hid, that shall not be known, and become manifest.
Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa.
18 'See, therefore, how ye hear, for whoever may have, there shall be given to him, and whoever may not have, also what he seemeth to have, shall be taken from him.'
Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”
19 And there came unto him his mother and brethren, and they were not able to get to him because of the multitude,
Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa.
20 and it was told him, saying, 'Thy mother and thy brethren do stand without, wishing to see thee;'
Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
21 and he answering said unto them, 'My mother and my brethren! they are those who the word of God are hearing, and doing.'
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”
22 And it came to pass, on one of the days, that he himself went into a boat with his disciples, and he said unto them, 'We may go over to the other side of the lake;' and they set forth,
Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Wɔsiim a wɔrekɔ no,
23 and as they are sailing he fell deeply asleep, and there came down a storm of wind to the lake, and they were filling, and were in peril.
Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie.
24 And having come near, they awoke him, saying, 'Master, master, we perish;' and he, having arisen, rebuked the wind and the raging of the water, and they ceased, and there came a calm,
Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
25 and he said to them, 'Where is your faith?' and they being afraid did wonder, saying unto one another, 'Who, then, is this, that even the winds he doth command, and the water, and they obey him?'
Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”
26 And they sailed down to the region of the Gadarenes, that is over-against Galilee,
Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so.
27 and he having gone forth upon the land, there met him a certain man, out of the city, who had demons for a long time, and with a garment was not clothed, and in a house was not abiding, but in the tombs,
Yesu firii kodoɔ no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no.
28 and having seen Jesus, and having cried out, he fell before him, and with a loud voice, said, 'What — to me and to thee, Jesus, Son of God Most High? I beseech thee, mayest thou not afflict me!'
Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.”
29 For he commanded the unclean spirit to come forth from the man, for many times it had caught him, and he was being bound with chains and fetters — guarded, and breaking asunder the bonds he was driven by the demons to the deserts.
Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na Yesu ateatea ahonhommɔne no sɛ wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wiram.
30 And Jesus questioned him, saying, 'What is thy name?' and he said, 'Legion,' (because many demons were entered into him, )
Yesu bisaa no sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛdɔm.” Ɛfiri sɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma.
31 and he was calling on him, that he may not command them to go away to the abyss, (Abyssos g12)
Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu. (Abyssos g12)
32 and there was there a herd of many swine feeding in the mountain, and they were calling on him, that he might suffer them to enter into these, and he suffered them,
Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan.
33 and the demons having gone forth from the man, did enter into the swine, and the herd rushed down the steep to the lake, and were choked.
Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ.
34 And those feeding [them], having seen what was come to pass, fled, and having gone, told [it] to the city, and to the fields;
Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
35 and they came forth to see what was come to pass, and they came unto Jesus, and found the man sitting, out of whom the demons had gone forth, clothed, and right-minded, at the feet of Jesus, and they were afraid;
Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn.
36 and those also having seen [it], told them how the demoniac was saved.
Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amaneɛ.
37 And the whole multitude of the region of the Gadarenes round about asked him to go away from them, because with great fear they were pressed, and he having entered into the boat, did turn back.
Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa.
38 And the man from whom the demons had gone forth was beseeching of him to be with him, and Jesus sent him away, saying,
Ansa na Yesu rebɛfiri hɔ no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
39 'Turn back to thy house, and tell how great things God did to thee;' and he went away through all the city proclaiming how great things Jesus did to him.
“Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa.
40 And it came to pass, in the turning back of Jesus, the multitude received him, for they were all looking for him,
Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ.
41 and lo, there came a man, whose name [is] Jairus, and he was a chief of the synagogue, and having fallen at the feet of Jesus, was calling on him to come to his house;
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie
42 because he had an only daughter about twelve years [old], and she was dying. And in his going away, the multitudes were thronging him,
na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu. Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so.
43 and a woman, having an issue of blood for twelve years, who, having spent on physicians all her living, was not able to be healed by any,
Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no,
44 having come near behind, touched the fringe of his garment, and presently the issue of her blood stood.
firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.
45 And Jesus said, 'Who [is] it that touched me?' and all denying, Peter and those with him said, 'Master, the multitudes press thee, and throng [thee], and thou dost say, Who [is] it that touched me!'
Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?” Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”
46 And Jesus said, 'Some one did touch me, for I knew power having gone forth from me.'
Yesu buaa no sɛ, “Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu.”
47 And the woman, having seen that she was not hid, trembling, came, and having fallen before him, for what cause she touched him declared to him before all the people, and how she was healed presently;
Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no.
48 and he said to her, 'Take courage, daughter, thy faith hath saved thee, be going on to peace.'
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.”
49 While he is yet speaking, there doth come a certain one from the chief of the synagogue's [house], saying to him — 'Thy daughter hath died, harass not the Teacher;'
Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”
50 and Jesus having heard, answered him, saying, 'Be not afraid, only believe, and she shall be saved.'
Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, “Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa.”
51 And having come to the house, he suffered no one to go in, except Peter, and James, and John, and the father of the child, and the mother;
Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara.
52 and they were all weeping, and beating themselves for her, and he said, 'Weep not, she did not die, but doth sleep;
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu, ɔnwuiɛ na wada.”
53 and they were deriding him, knowing that she did die;
Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu.
54 and he having put all forth without, and having taken hold of her hand, called, saying, 'Child, arise;'
Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɔre!”
55 and her spirit came back, and she arose presently, and he directed that there be given to her to eat;
Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni.
56 and her parents were amazed, but he charged them to say to no one what was come to pass.
Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.

< Luke 8 >