< Zechariah 4 >

1 The angel who talked with me came again and wakened me, as a man who is wakened out of his sleep.
Afei ɔbɔfo a ɔne me kasae no san nʼakyi benyan me, sɛnea wonyan obi fi ne nna mu no.
2 He said to me, “What do you see?” I said, “I have seen, and behold, a lamp stand all of gold, with its bowl on the top of it, and its seven lamps on it; there are seven pipes to each of the lamps which are on the top of it;
Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so.
3 and two olive trees by it, one on the right side of the bowl, and the other on the left side of it.”
Bio, ngonnua abien sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, na baako nso wɔ ne benkum so.”
4 I answered and spoke to the angel who talked with me, saying, “What are these, my lord?”
Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no se, “Eyinom yɛ dɛn, me wura?”
5 Then the angel who talked with me answered me, “Don’t you know what these are?” I said, “No, my lord.”
Obuae se, “Wunnim nea eyinom yɛ ana?” Mekae se, “Dabi, me wura.”
6 Then he answered and spoke to me, saying, “This is Yahweh’s word to Zerubbabel, saying, ‘Not by might, nor by power, but by my Spirit,’ says Yahweh of Armies.
Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.
7 Who are you, great mountain? Before Zerubbabel you are a plain; and he will bring out the capstone with shouts of ‘Grace, grace, to it!’”
“Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’”
8 Moreover Yahweh’s word came to me, saying,
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
9 “The hands of Zerubbabel have laid the foundation of this house. His hands shall also finish it; and you will know that Yahweh of Armies has sent me to you.
“Serubabel nsa na ato asɔredan yi fapem, ne nsa nso na ebewie. Na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
10 Indeed, who despises the day of small things? For these seven shall rejoice, and shall see the plumb line in the hand of Zerubbabel. These are Yahweh’s eyes, which run back and forth through the whole earth.”
“Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. “(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”
11 Then I asked him, “What are these two olive trees on the right side of the lamp stand and on the left side of it?”
Na mibisaa ɔbɔfo no se, “Saa ngonnua abien no a esisi kaneadua no nifa ne benkum no yɛ dɛn?”
12 I asked him the second time, “What are these two olive branches, which are beside the two golden spouts that pour the golden oil out of themselves?”
Na mibisaa no bio se, “Ngodua mman abien a ehwie ngo a ani yɛ akokɔsrade fa sikakɔkɔɔ dorobɛn abien no mu no yɛ dɛn?”
13 He answered me, “Don’t you know what these are?” I said, “No, my lord.”
Obuae se, “Enti wunnim nea eyinom yɛ ana?” Mibuae se, “Dabi, me wura.”
14 Then he said, “These are the two anointed ones who stand by the Lord of the whole earth.”
Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.”

< Zechariah 4 >