< Romans 6 >

1 What shall we say then? Shall we continue in sin, that grace may abound?
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana?
2 May it never be! We who died to sin, how could we live in it any longer?
Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?
3 Or don’t you know that all of us who were baptized into Christ Jesus were baptized into his death?
Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu?
4 We were buried therefore with him through baptism into death, that just as Christ was raised from the dead through the glory of the Father, so we also might walk in newness of life.
Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu.
5 For if we have become united with him in the likeness of his death, we will also be part of his resurrection;
Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako.
6 knowing this, that our old man was crucified with him, that the body of sin might be done away with, so that we would no longer be in bondage to sin.
Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio,
7 For he who has died has been freed from sin.
efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.
8 But if we died with Christ, we believe that we will also live with him,
Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena.
9 knowing that Christ, being raised from the dead, dies no more. Death no longer has dominion over him!
Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio.
10 For the death that he died, he died to sin one time; but the life that he lives, he lives to God.
Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.
11 Thus consider yourselves also to be dead to sin, but alive to God in Christ Jesus our Lord.
Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
12 Therefore don’t let sin reign in your mortal body, that you should obey it in its lusts.
Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne.
13 Also, do not present your members to sin as instruments of unrighteousness, but present yourselves to God as alive from the dead, and your members as instruments of righteousness to God.
Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma.
14 For sin will not have dominion over you, for you are not under law, but under grace.
Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.
15 What then? Shall we sin because we are not under law but under grace? May it never be!
Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da.
16 Don’t you know that when you present yourselves as servants and obey someone, you are the servants of whomever you obey, whether of sin to death, or of obedience to righteousness?
Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee.
17 But thanks be to God that, whereas you were bondservants of sin, you became obedient from the heart to that form of teaching to which you were delivered.
Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no.
18 Being made free from sin, you became bondservants of righteousness.
Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.
19 I speak in human terms because of the weakness of your flesh; for as you presented your members as servants to uncleanness and to wickedness upon wickedness, even so now present your members as servants to righteousness for sanctification.
Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu.
20 For when you were servants of sin, you were free from righteousness.
Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi.
21 What fruit then did you have at that time in the things of which you are now ashamed? For the end of those things is death.
Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu.
22 But now, being made free from sin and having become servants of God, you have your fruit of sanctification and the result of eternal life. (aiōnios g166)
Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
23 For the wages of sin is death, but the free gift of God is eternal life in Christ Jesus our Lord. (aiōnios g166)
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu. (aiōnios g166)

< Romans 6 >