< Romans 14 >

1 Now accept one who is weak in faith, but not for disputes over opinions.
Sɛ obi gyidi sua wɔ mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye.
2 One man has faith to eat all things, but he who is weak eats only vegetables.
Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara.
3 Don’t let him who eats despise him who doesn’t eat. Don’t let him who doesn’t eat judge him who eats, for God has accepted him.
Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no.
4 Who are you who judge another’s servant? To his own lord he stands or falls. Yes, he will be made to stand, for God has power to make him stand.
Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim.
5 One man esteems one day as more important. Another esteems every day alike. Let each man be fully assured in his own mind.
Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.
6 He who observes the day, observes it to the Lord; and he who does not observe the day, to the Lord he does not observe it. He who eats, eats to the Lord, for he gives God thanks. He who doesn’t eat, to the Lord he doesn’t eat, and gives God thanks.
Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase.
7 For none of us lives to himself, and none dies to himself.
Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;
8 For if we live, we live to the Lord. Or if we die, we die to the Lord. If therefore we live or die, we are the Lord’s.
sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de.
9 For to this end Christ died, rose, and lived again, that he might be Lord of both the dead and the living.
Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.
10 But you, why do you judge your brother? Or you again, why do you despise your brother? For we will all stand before the judgment seat of Christ.
Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn.
11 For it is written, “‘As I live,’ says the Lord, ‘to me every knee will bow. Every tongue will confess to God.’”
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade ka se, mete ase yi, obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.”
12 So then each one of us will give account of himself to God.
Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.
13 Therefore let’s not judge one another any more, but judge this rather, that no man put a stumbling block in his brother’s way, or an occasion for falling.
Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
14 I know and am persuaded in the Lord Jesus that nothing is unclean of itself; except that to him who considers anything to be unclean, to him it is unclean.
Ahotoso a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no.
15 Yet if because of food your brother is grieved, you walk no longer in love. Don’t destroy with your food him for whom Christ died.
Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no.
16 Then don’t let your good be slandered,
Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne.
17 for God’s Kingdom is not eating and drinking, but righteousness, peace, and joy in the Holy Spirit.
Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu.
18 For he who serves Christ in these things is acceptable to God and approved by men.
Obiara a ɔsom Kristo wɔ saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
19 So then, let’s follow after things which make for peace, and things by which we may build one another up.
Ɛno nti ɛsɛ sɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu yɛ den.
20 Don’t overthrow God’s work for food’s sake. All things indeed are clean, however it is evil for that man who creates a stumbling block by eating.
Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan, nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne.
21 It is good to not eat meat, drink wine, nor do anything by which your brother stumbles, is offended, or is made weak.
Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua.
22 Do you have faith? Have it to yourself before God. Happy is he who doesn’t judge himself in that which he approves.
Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn.
23 But he who doubts is condemned if he eats, because it isn’t of faith; and whatever is not of faith is sin.
Na sɛ ne tirim nteɛ no wɔ nea odi ho na sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne.

< Romans 14 >