< Revelation 20 >

1 I saw an angel coming down out of heaven, having the key of the abyss and a great chain in his hand. (Abyssos g12)
Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. (Abyssos g12)
2 He seized the dragon, the old serpent, who is the devil and Satan, who deceives the whole inhabited earth, and bound him for a thousand years,
Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem.
3 and cast him into the abyss, and shut it and sealed it over him, that he should deceive the nations no more until the thousand years were finished. After this, he must be freed for a short time. (Abyssos g12)
Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra. (Abyssos g12)
4 I saw thrones, and they sat on them, and judgment was given to them. I saw the souls of those who had been beheaded for the testimony of Jesus and for the word of God, and such as didn’t worship the beast nor his image, and didn’t receive the mark on their forehead and on their hand. They lived and reigned with Christ for a thousand years.
Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem.
5 The rest of the dead didn’t live until the thousand years were finished. This is the first resurrection.
Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.
6 Blessed and holy is he who has part in the first resurrection. Over these, the second death has no power, but they will be priests of God and of Christ, and will reign with him one thousand years.
Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
7 And after the thousand years, Satan will be released from his prison
Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ;
8 and he will come out to deceive the nations which are in the four corners of the earth, Gog and Magog, to gather them together to the war, whose number is as the sand of the sea.
na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko.
9 They went up over the width of the earth and surrounded the camp of the saints and the beloved city. Fire came down out of heaven from God and devoured them.
Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn.
10 The devil who deceived them was thrown into the lake of fire and sulfur, where the beast and the false prophet are also. They will be tormented day and night forever and ever. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
11 I saw a great white throne and him who sat on it, from whose face the earth and the heaven fled away. There was found no place for them.
Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.
12 I saw the dead, the great and the small, standing before the throne, and they opened books. Another book was opened, which is the book of life. The dead were judged out of the things which were written in the books, according to their works.
Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no.
13 The sea gave up the dead who were in it. Death and Hades gave up the dead who were in them. They were judged, each one according to his works. (Hadēs g86)
Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. (Hadēs g86)
14 Death and Hades were thrown into the lake of fire. This is the second death, the lake of fire. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
15 If anyone was not found written in the book of life, he was cast into the lake of fire. (Limnē Pyr g3041 g4442)
Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)

< Revelation 20 >