< Revelation 10 >

1 I saw a mighty angel coming down out of the sky, clothed with a cloud. A rainbow was on his head. His face was like the sun, and his feet like pillars of fire.
Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.
2 He had in his hand a little open book. He set his right foot on the sea, and his left on the land.
Na nhoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so.
3 He cried with a loud voice, as a lion roars. When he cried, the seven thunders uttered their voices.
Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae.
4 When the seven thunders sounded, I was about to write; but I heard a voice from the sky saying, “Seal up the things which the seven thunders said, and don’t write them.”
Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!”
5 The angel whom I saw standing on the sea and on the land lifted up his right hand to the sky
Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
6 and swore by him who lives forever and ever, who created heaven and the things that are in it, the earth and the things that are in it, and the sea and the things that are in it, that there will no longer be delay, (aiōn g165)
na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. (aiōn g165)
7 but in the days of the voice of the seventh angel, when he is about to sound, then the mystery of God is finished, as he declared to his servants the prophets.
Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.”
8 The voice which I heard from heaven, again speaking with me, said, “Go, take the book which is open in the hand of the angel who stands on the sea and on the land.”
Afei nne a metee sɛ efi ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio se. “Kɔ na kogye nhoma a wɔabue mu a ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no kitae no.”
9 I went to the angel, telling him to give me the little book. He said to me, “Take it and eat it. It will make your stomach bitter, but in your mouth it will be as sweet as honey.”
Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”
10 I took the little book out of the angel’s hand, and ate it. It was as sweet as honey in my mouth. When I had eaten it, my stomach was made bitter.
Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. Nanso, memenee akyi no, ɛmaa me yam kaw me.
11 They told me, “You must prophesy again over many peoples, nations, languages, and kings.”
Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ so ka nea ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofo, ɔkasahorow ne ahemfo nso.”

< Revelation 10 >