< Psalms 72 >

1 By Solomon. God, give the king your justice; your righteousness to the royal son.
Salomo dwom. Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no, na fa wo trenee ma ɔhene babarima.
2 He will judge your people with righteousness, and your poor with justice.
Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn, obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee.
3 The mountains shall bring prosperity to the people. The hills bring the fruit of righteousness.
Mmepɔw no de yiyedi bɛbrɛ nnipa no, nkoko no de trenee bɛba.
4 He will judge the poor of the people. He will save the children of the needy, and will break the oppressor in pieces.
Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo.
5 They shall fear you while the sun endures; and as long as the moon, throughout all generations.
Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi wobesuro wo awo ntoatoaso nyinaa mu.
6 He will come down like rain on the mown grass, as showers that water the earth.
Ɔbɛyɛ sɛ osu a ɛtɔ gu asase a wɔadɔw so so, te sɛ obosu a egugu asase so.
7 In his days, the righteous shall flourish, and abundance of peace, until the moon is no more.
Atreneefo benyin frɔmfrɔm wɔ ne bere so; yiyedi bebu so akosi da a ɔsram nni hɔ bio.
8 He shall have dominion also from sea to sea, from the River to the ends of the earth.
Obedi hene afi po akosi po, afi Asubɔnten Efrata akosi asase ano.
9 Those who dwell in the wilderness shall bow before him. His enemies shall lick the dust.
Sare so mmusua bɛkotow nʼanim na nʼatamfo adi mfutuma.
10 The kings of Tarshish and of the islands will bring tribute. The kings of Sheba and Seba shall offer gifts.
Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de sonkahiri bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ no.
11 Yes, all kings shall fall down before him. All nations shall serve him.
Ahemfo nyinaa bɛkotow no, amanaman nyinaa bɛsom no.
12 For he will deliver the needy when he cries; the poor, who has no helper.
Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no, ne amanehunufo a wonni ɔboafo.
13 He will have pity on the poor and needy. He will save the souls of the needy.
Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ na wagye ahiafo nkwa.
14 He will redeem their soul from oppression and violence. Their blood will be precious in his sight.
Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase, efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.
15 He will live; and Sheba’s gold will be given to him. Men will pray for him continually. They will bless him all day long.
Ɔhene nkwa so! ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpae mma no na wonhyira no da mu nyinaa.
16 Abundance of grain shall be throughout the land. Its fruit sways like Lebanon. Let it flourish, thriving like the grass of the field.
Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuan mmu so wɔ nkoko so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na enyin sɛ mfuw so sare.
17 His name endures forever. His name continues as long as the sun. Men shall be blessed by him. All nations will call him blessed.
Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia. Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.
18 Praise be to Yahweh God, the God of Israel, who alone does marvelous deeds.
Nhyira nka Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade.
19 Blessed be his glorious name forever! Let the whole earth be filled with his glory! Amen and amen.
Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma.
20 This ends the prayers by David, the son of Jesse.
Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni.

< Psalms 72 >