< Psalms 68 >

1 For the Chief Musician. A Psalm by David. A song. Let God arise! Let his enemies be scattered! Let them who hate him also flee before him.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete; wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim.
2 As smoke is driven away, so drive them away. As wax melts before the fire, so let the wicked perish at the presence of God.
Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛnea srade nan wɔ ogya so no, saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.
3 But let the righteous be glad. Let them rejoice before God. Yes, let them rejoice with gladness.
Nanso ma atreneefo ani nnye na wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi.
4 Sing to God! Sing praises to his name! Extol him who rides on the clouds: to Yah, his name! Rejoice before him!
To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma nea ɔnantew omununkum so no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
5 A father of the fatherless, and a defender of the widows, is God in his holy habitation.
Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ.
6 God sets the lonely in families. He brings out the prisoners with singing, but the rebellious dwell in a sun-scorched land.
Ɔma ohiani tena mmusua mu, na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho; na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so.
7 God, when you went out before your people, when you marched through the wilderness... (Selah)
Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim, bere a wode wɔn faa sare so no,
8 The earth trembled. The sky also poured down rain at the presence of the God of Sinai— at the presence of God, the God of Israel.
asase wosowee, na ɔsoro tuee osu guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.
9 You, God, sent a plentiful rain. You confirmed your inheritance when it was weary.
Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn, guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.
10 Your congregation lived therein. You, God, prepared your goodness for the poor.
Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so, Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.
11 The Lord announced the word. The ones who proclaim it are a great company.
Awurade kaa asɛm no, na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;
12 “Kings of armies flee! They flee!” She who waits at home divides the plunder,
“Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so; mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.
13 while you sleep among the camp fires, the wings of a dove sheathed with silver, her feathers with shining gold.
Mpo bere a woda nguanban mu no, wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho, de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”
14 When the Almighty scattered kings in her, it snowed on Zalmon.
Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.
15 The mountains of Bashan are majestic mountains. The mountains of Bashan are rugged.
Basan mmepɔw gyinagyina hɔ, Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi.
16 Why do you look in envy, you rugged mountains, at the mountain where God chooses to reign? Yes, Yahweh will dwell there forever.
Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene, faako a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
17 The chariots of God are tens of thousands and thousands of thousands. The Lord is among them, from Sinai, into the sanctuary.
Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem ne mpem mpem mu mpem; Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea.
18 You have ascended on high. You have led away captives. You have received gifts among people, yes, among the rebellious also, that Yah God might dwell there.
Bere a woforo kɔɔ soro no, wode nnommum kaa wo ho; wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ, fii atuatewfo hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Awurade Nyankopɔn.
19 Blessed be the Lord, who daily bears our burdens, even the God who is our salvation. (Selah)
Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
20 God is to us a God of deliverance. To Yahweh, the Lord, belongs escape from death.
Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa; na Awurade mu na owu tow fom yɛn.
21 But God will strike through the head of his enemies, the hairy scalp of such a one as still continues in his guiltiness.
Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no.
22 The Lord said, “I will bring you again from Bashan, I will bring you again from the depths of the sea,
Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba; mede wɔn befi po bun mu aba,
23 that you may crush them, dipping your foot in blood, that the tongues of your dogs may have their portion from your enemies.”
na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu na mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
24 They have seen your processions, God, even the processions of my God, my King, into the sanctuary.
Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no, me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
25 The singers went before, the minstrels followed after, among the ladies playing with tambourines,
Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so, na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho.
26 “Bless God in the congregations, even the Lord in the assembly of Israel!”
Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nnipakuw no mu.
27 There is little Benjamin, their ruler, the princes of Judah, their council, the princes of Zebulun, and the princes of Naphtali.
Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan, Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so, na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
28 Your God has commanded your strength. Strengthen, God, that which you have done for us.
Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no.
29 Because of your temple at Jerusalem, kings shall bring presents to you.
Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo.
30 Rebuke the wild animal of the reeds, the multitude of the bulls with the calves of the peoples. Trample under foot the bars of silver. Scatter the nations who delight in war.
Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim, ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no. Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
31 Princes shall come out of Egypt. Ethiopia shall hurry to stretch out her hands to God.
Ananmusifo befi Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
32 Sing to God, you kingdoms of the earth! Sing praises to the Lord— (Selah)
Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayeyi nnwom mma Awurade,
33 to him who rides on the heaven of heavens, which are of old; behold, he utters his voice, a mighty voice.
monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no, na ɔde nne kɛse bobɔ mu no.
34 Ascribe strength to God! His excellency is over Israel, his strength is in the skies.
Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, nea ne kɛseyɛ kata Israel so no, na ne tumi wɔ soro ɔsoro no.
35 You are awesome, God, in your sanctuaries. The God of Israel gives strength and power to his people. Praise be to God!
Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ; Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo. Ayeyi nka Onyankopɔn!

< Psalms 68 >