< Psalms 23 >

1 A Psalm by David. Yahweh is my shepherd; I shall lack nothing.
Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
2 He makes me lie down in green pastures. He leads me beside still waters.
Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,
3 He restores my soul. He guides me in the paths of righteousness for his name’s sake.
odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.
4 Even though I walk through the valley of the shadow of death, I will fear no evil, for you are with me. Your rod and your staff, they comfort me.
Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ.
5 You prepare a table before me in the presence of my enemies. You anoint my head with oil. My cup runs over.
Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so.
6 Surely goodness and loving kindness shall follow me all the days of my life, and I will dwell in Yahweh’s house forever.
Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwanna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.

< Psalms 23 >