< Psalms 107 >

1 Give thanks to Yahweh, for he is good, for his loving kindness endures forever.
Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
2 Let the redeemed by Yahweh say so, whom he has redeemed from the hand of the adversary,
Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no,
3 and gathered out of the lands, from the east and from the west, from the north and from the south.
wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ.
4 They wandered in the wilderness in a desert way. They found no city to live in.
Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so, a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ.
5 Hungry and thirsty, their soul fainted in them.
Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn na wɔtotɔɔ baha.
6 Then they cried to Yahweh in their trouble, and he delivered them out of their distresses.
Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
7 He led them also by a straight way, that they might go to a city to live in.
Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu.
8 Let them praise Yahweh for his loving kindness, for his wonderful deeds to the children of men!
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
9 For he satisfies the longing soul. He fills the hungry soul with good.
Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.
10 Some sat in darkness and in the shadow of death, being bound in affliction and iron,
Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu, nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,
11 because they rebelled against the words of God, and condemned the counsel of the Most High.
ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa.
12 Therefore he brought down their heart with labor. They fell down, and there was no one to help.
Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den; wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ.
13 Then they cried to Yahweh in their trouble, and he saved them out of their distresses.
Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
14 He brought them out of darkness and the shadow of death, and broke away their chains.
Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
15 Let them praise Yahweh for his loving kindness, for his wonderful deeds to the children of men!
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
16 For he has broken the gates of bronze, and cut through bars of iron.
Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono na ɔtwitwa nnadeban mu.
17 Fools are afflicted because of their disobedience, and because of their iniquities.
Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti.
18 Their soul abhors all kinds of food. They draw near to the gates of death.
Wɔkyirii aduane nyinaa na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano.
19 Then they cry to Yahweh in their trouble, and he saves them out of their distresses.
Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
20 He sends his word, and heals them, and delivers them from their graves.
Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ; na ɔgyee wɔn firii ɛda mu.
21 Let them praise Yahweh for his loving kindness, for his wonderful deeds to the children of men!
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
22 Let them offer the sacrifices of thanksgiving, and declare his deeds with singing.
Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.
23 Those who go down to the sea in ships, who do business in great waters,
Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so; wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so.
24 these see Yahweh’s deeds, and his wonders in the deep.
Wɔhunuu Awurade nnwuma, nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu.
25 For he commands, and raises the stormy wind, which lifts up its waves.
Ɔkasaeɛ maa ahum tui na ɛkukuruu asorɔkye.
26 They mount up to the sky; they go down again to the depths. Their soul melts away because of trouble.
Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui.
27 They reel back and forth, and stagger like a drunken man, and are at their wits’ end.
Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio.
28 Then they cry to Yahweh in their trouble, and he brings them out of their distress.
Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
29 He makes the storm a calm, so that its waves are still.
Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.
30 Then they are glad because it is calm, so he brings them to their desired haven.
Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.
31 Let them praise Yahweh for his loving kindness, for his wonderful deeds for the children of men!
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
32 Let them exalt him also in the assembly of the people, and praise him in the seat of the elders.
Wɔmma ne so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.
33 He turns rivers into a desert, water springs into a thirsty ground,
Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ, asutene yɛɛ asase wesee,
34 and a fruitful land into a salt waste, for the wickedness of those who dwell in it.
na asasebereɛ danee nkyenenkyene, wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti.
35 He turns a desert into a pool of water, and a dry land into water springs.
Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu;
36 There he makes the hungry live, that they may prepare a city to live in,
Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.
37 sow fields, plant vineyards, and reap the fruits of increase.
Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree.
38 He blesses them also, so that they are multiplied greatly. He doesn’t allow their livestock to decrease.
Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.
39 Again, they are diminished and bowed down through oppression, trouble, and sorrow.
Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase;
40 He pours contempt on princes, and causes them to wander in a trackless waste.
deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.
41 Yet he lifts the needy out of their affliction, and increases their families like a flock.
Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo.
42 The upright will see it, and be glad. All the wicked will shut their mouths.
Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye, nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano.
43 Whoever is wise will pay attention to these things. They will consider the loving kindnesses of Yahweh.
Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom, na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.

< Psalms 107 >